Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 13:2 - KYERƐW KRONKRON

2 ɔpaw Israel mu nnipa mpensa fae. Na wɔn mu mpennu wɔ Saul nkyɛn, Mikmas ne Betel bepɔw so, na apem wɔ Yonatan nkyɛn Gibea a ɛwɔ Benyamin; na ɔman a aka no, ogyaa wɔn kwan ma wɔkokɔɔ wɔn ntamadan mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 ɔyii Israel mu nnipa mpensa fae. Na wɔn mu mpennu wɔ Saulo nkyɛn, Mikmas ne Betel bepɔ so, na apem wɔ Yonatan nkyɛn Gibea-benyamin; na ɔman a aka no, ɔgyaa wɔn kwan maa wɔkɔɔ wɔn ntomadan mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Saulo yii asraafo sononko bi a wɔn dodow yɛ mpensa fii Israel, na ɔmaa nkae no kɔɔ fie. Ɔfaa asraafo no mu mpenu kaa ne ho, de wɔn kɔɔ Mikmas ne bepɔw nsase a ɛwɔ Bet-El no so. Asraafo apem a wɔaka no kaa Saulo babarima Yonatan ho kɔɔ Gibea wɔ Benyamin asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 ɔyii Israel mu nnipa mpensa fae. Na wɔn mu mpennu wɔ Saulo nkyɛn, Mikmas ne Betel bepɔ so, na apem wɔ Yonatan nkyɛn Gibea-benyamin; na ɔman a aka no, ɔgyaa wɔn kwan maa wɔkɔɔ wɔn ntomadan mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Saulo yii akodɔm sononko bi a wɔn dodoɔ yɛ mpensa firii Israel, na ɔmaa nkaeɛ no kɔɔ efie. Ɔfaa akodɔm no mu mpenu kaa ne ho, de wɔn kɔɔ Mikmas ne bepɔ nsase a ɛwɔ Bet-El no so. Akodɔm apem a aka no kaa Saulo babarima Yonatan ho kɔɔ Gibea wɔ Benyamin asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 ɔpaw Israel mu nnipa mpensa fae. Na wɔn mu mpennu wɔ Saul nkyɛn, Mikmas ne Betel bepɔw so, na apem wɔ Yonatan nkyɛn Gibea a ɛwɔ Benyamin; na ɔman a aka no, ogyaa wɔn kwan ma wɔkokɔɔ wɔn ntamadan mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 13:2
24 Iomraidhean Croise  

Na ɔbarima huhuni bi wɔ hɔ a ne din de Seba a ɔyɛ Benyaminni Bikri ba. Na ɔhyɛn torobɛnto sɛ: Yenni kyɛfa bi Dawid mu, na yenni agyapade Yese ba no nkyɛn, O! Israel, obiara nkɔ ne fi.


ma wɔmfa ne mma mu mmarima baasɔn mma yɛn na yɛnsensɛn wɔn mma AWURADE wɔ Saul a AWURADE faa no no kurow Gibea mu. Na ɔhene se: Mɛma.


Netofani Baana ba Heleb, Ribai ba Itai a ofi Benyaminfo Gibea,


Mikmas mmarima ɔha aduonu abien.


Na Benyamin mma a wofi Geba no tenaa Mikmas ne Aia ne Betel ne ɛho nkurowa mu,


ne Sela, Haelef ne Yebus a ɛne Yerusalem, Gibeat, Kiriat: Nkurow dunan ne ɛho nkuraa. Eyi ne Benyaminfo no agyapade sɛ wɔn mmusua te.


Na Yosua hyiraa wɔn, na ogyaa wɔn kwan, na wosiim kɔɔ wɔn ntamadan mu.


Na ne wura ka kyerɛɛ no sɛ: Mma yɛmmman nnkɔ ananafo a Israelfo mu bi nni ha kurow mu, na ma yentwam nkɔ Gibea.


Na Saul nso kɔɔ ne fi Gibea, na dɔm no mu akokodurufo binom a Onyankopɔn aka wɔn koma no ne no kɔe.


Ɛno akyi no, wubedu Gibeat-elohim, wɔ nea Filistifo bansifo wɔ no; na sɛ wudu kurow no mu hɔ a, wubehyia adiyifo asafo a wɔresian afi sorɔnsorɔmmea hɔ, na bɛnta sanku ne mpintin ne mmɛn ne asanku di wɔn anim, na wɔrehyɛ nkɔm.


Saul bedii hene no, na wadi bɛyɛ mfirihyia aduasa Na odii Israel so hene bɛboro mfe abien no,


Ɛnna Samuel kae sɛ: Ɛdɛn na woayɛ yi? Na Saul se: Mihui sɛ ɔman no refi me ho apete, na wo nso woamma bere a wohyɛe no, na Filistifo aboa wɔn ho ano Mikmas,


Na Samuel sɔre fii Gilgal kɔɔ Gibea-benyamin. Na Saul kan dɔm a wɔne no wɔ hɔ no, mmarima bɛyɛ ahansia.


Na Saul ne ne ba Yonatan ne dɔm a wɔne wɔn wɔ hɔ no tenaa Gibea-benyamin, nso na Filistifo abɔ nsra wɔ Mikmas.


Na Filistifo bansifo no fii adi kɔɔ baabi a Mikmas fa.


Na Filistifo boaboaa wɔn ho ano sɛ wɔne Israel rebɛko: Nteaseɛnam ɔpeduasa ne apɔnkɔfo mpemnsia ne dɔm a ne dodow te sɛ mpoano anwea. Na wɔforo bae bɛbɔɔ nsra Mikmas, Bet-awen apuei.


Na wokum Filistifo no da no fi Mikmas koduu Ayalon; na ɛdɔm no tɔɔ piti sɛ.


Biako ano kyerɛ benkum fam Mikmas ntentenso, na biako ano kyerɛ nifa fam Geba ntentenso.


Na ɔko dennen daa Filistifo so Saul nna nyinaa. Na sɛ Saul hu ɔbarima hoɔdenfo biara anaa obiara a ɔyɛ nnam a, ɔkɔfa no ba ne nkyɛn.


Ɛnna Samuel siim kɔɔ Rama. Na Saul nso foro kɔɔ ne fi Gibea-saul.


Na oduu nguannan a ɛwɔ ɔkwan no so no ho; na ɔbodan bi wɔ hɔ, na Saul hyɛn mu sɛ okogyaa n’anan; na Dawid ne ne nnipa nso tete ɔbodan no mu nohoa


Ɛnna Saul sɔre sian kɔɔ Sif sare so, ɔne Israel mmarima mpensa a wɔapaw wɔn, sɛ ɔrekɔhwehwɛ Dawid, Sif sare so.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Eyi ne ɔhene a obedi mo so no apɛde: Ɔbɛpaw mo mmammarima de wɔn akɔ ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefo mu, na wama wɔatu mmirika adi ne nteaseɛnam anim sɛ n’awɛnfo


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan