Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 12:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na afei, hwɛ, ɔhene no na odi mo anim yi. Na me de, mabɔ akora na mafuw dwen, na me mma nso, hwɛ, wɔne mo na ɛwɔ hɔ; na me de, mifi me mmofraase na manantew mo anim mabedu nnɛ da yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na afei, hwɛ, ɔhene no na ɔdi mo anim yi. Na me deɛ, mabɔ akora na mafu dwono, na me mma nso, hwɛ, wɔne mo na ɛwɔ hɔ; na me deɛ, mefiri me mmɔfraase na manante mo anim mabɛduru nnɛ da yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Matwa me mmabarima ho ayi no, na migyina ha sɛ akwakoraa tidwen. Masom sɛ mo kannifo fi me mmofraase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na afei, hwɛ, ɔhene no na ɔdi mo anim yi. Na me deɛ, mabɔ akora na mafu dwono, na me mma nso, hwɛ, wɔne mo na ɛwɔ hɔ; na me deɛ, mefiri me mmɔfraase na manante mo anim mabɛduru nnɛ da yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Matwa me mmammarima ho ayi no, na megyina ha sɛ akɔkoraa tidwono. Masom sɛ mo ɔkannifoɔ firi me mmɔfraase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na afei, hwɛ, ɔhene no na odi mo anim yi. Na me de, mabɔ akora na mafuw dwen, na me mma nso, hwɛ, wɔne mo na ɛwɔ hɔ; na me de, mifi me mmofraase na manantew mo anim mabedu nnɛ da yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 12:2
17 Iomraidhean Croise  

bɛka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, woabɔ akora, na wo mma mfa w’akwan so. Afei si ɔhene ma yɛn na onni yɛn kan sɛ amanaman nyinaa te.


na yɛn nso nyɛ sɛ amanaman nyinaa, na yɛn hene no nni yɛn anim nni ako mma yɛn.


Bere a Samuel bɔɔ akora no, ɔde ne mma sisii Israel so sɛ akannifo.


Na ne mma no de, wɔansɛ wɔn agya ɔkwan biara so, na wɔman kodii mfaso akyi, wogyigyee adammude, na wobubuu ntɛnkyew.


a obedi wɔn anim afi adi na obedi wɔn anim aba mu, nea ɔde wɔn befi adi na ɔde wɔn aba mu, na AWURADE asafo no anyɛ sɛ nguan a wonni hwɛfo.


efisɛ, minim sɛ ɔpa a wɔbɛpa me ho ntamadan yi bɛba ntɛm so, sɛnea yɛn Awurade Yesu Kristo nso ayi akyerɛ me no.


Na me de, wɔanya rehwie me agu sɛ ahwiesa, na me bere a mede mɛsɔre ha ahi.


Onyankopɔn, nkwakorabere ne dwen mu nso nnyaw me, kosi sɛ mɛka wo tumi ho asɛm makyerɛ nkyirimma, na maka wo mmaninyɛ makyerɛ wɔn a wɔbɛba nyinaa.


Ɛnna Eli frɛɛ Samuel sɛ: Me ba Samuel! Na ose: Mini!


Na maka makyerɛ no sɛ merebu ne fi atɛn akosi daa, amumɔyɛ no nti, efisɛ onim sɛ ne mma reyɛ abusude, na wanka wɔn anim.


Ɛdɛn nti na mutiatia me kum afɔre ne m’aduan afɔre a mahyɛ sɛ wɔmmɔ, me tenabea no so, na wudi wo mma ni sen me, sɛ mode me man Israel ayɛyɛde nyinaa mu ade a edi kan yɛ mo ho yiye?


Nso Eli abɔ akora sɛ, na ɔtee nea ne mma de yɛ Israel nyinaa, no nyinaa ne sɛnea wɔne mmea a wɔyɛ ahyiae ntamadan ano adwuma no da.


Na AWURADE bae begyinaa hɔ frɛɛ sɛ kan no sɛ: Samuel, Samuel! Ɛnna Samuel se: Kasa, na w’akoa retie.


Nna pii akyi no, AWURADE maa Israel home fii wɔn atamfo a wɔatwa wɔn ho ahyia nyinaa nsam, saa bere no na Yosua abɔ akora, na wadi nna bebree no,


Ɔfrɛɛ Israel nyinaa, wɔn mpanyimfo ne wɔn atitiriw, ne wɔn atemmufo ne wɔn ahwɛfo no hyiae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Me de, mabɔ akora, madi nna pii.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan