Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 11:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Na wɔka kyerɛɛ abɔfo a wɔbae no sɛ: Sɛ monkɔka nkyerɛ Yabes-gileadfo no ni: Ɔkyena a owia mu reyɛ den no, mubenya ogye. Na abɔfo no ba bɛka kyerɛɛ Yabesfo no, wɔn ani gyei.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na wɔka kyerɛɛ abɔfoɔ a wɔbaeɛ no sɛ: Sɛ monkɔka nkyerɛ Yabes-gileadfoɔ no nie: Ɔkyena a owia mu reyɛ den no, mobɛnya ɔgyeɛ. Na abɔfoɔ no ba bɛka kyerɛɛ Yabesfoɔ no, wɔn ani gyee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Saulo somaa abɔfo no ma wɔsan wɔn akyi kɔɔ Yabes Gilead kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Enkosi ɔkyena awia owigyinae bere mu no, yebeyi mo afi mo ahokyere no mu.” Abɔfo no kɔka eyi kyerɛɛ Yabes mmarima no, wɔn ani gyei.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

9 Na wɔka kyerɛɛ abɔfoɔ a wɔbaeɛ no sɛ: Sei na monkɔka nkyerɛ Yabes-gileadfoɔ no nie: Ɔkyena a owia mu reyɛ den no, mobɛnya ɔgyeɛ. Na abɔfoɔ no ba bɛka kyerɛɛ Yabesfoɔ no, wɔn ani gyee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Enti, Saulo somaa abɔfoɔ no ma wɔsane wɔn akyi kɔɔ Yabes Gilead kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɔkyena awia prɛmtoberɛ mu, yɛbɛyi mo afiri mo ahokyere no mu.” Abɔfoɔ no duruu kuro no mu no, anigyeɛ bunkam faa hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na wɔka kyerɛɛ abɔfo a wɔbae no sɛ: Sɛ monkɔka nkyerɛ Yabes-gileadfo no ni: Ɔkyena a owia mu reyɛ den no, mubenya ogye. Na abɔfo no ba bɛka kyerɛɛ Yabesfo no, wɔn ani gyei.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 11:9
7 Iomraidhean Croise  

Na Dawid somaa abɔfo kɔɔ Yabes-gileadfo no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: AWURADE nhyira nka mo sɛ moayɛ mo wura Saul adɔe sɛɛ, na moasie no.


akofofo no nyinaa sɔresɔree, na wɔkɔfaa Saul amu ne ne mma no amu no, na wɔde baa Yabes, na wobesiee wɔn nnompe no odupɔn a ɛwɔ Yabes no ase, na wodii mmuada nnansɔn.


Ogyee me fii me tamfo hoɔdenfo ne wɔn a wokyi me no nsam, efisɛ wɔsen me ahoɔden.


Na wɔkae sɛ: Israel mmusuakuw mu hena ara po na wamma AWURADE nkyɛn Mispa? Na hwɛ, obiara amfi Yabes-gilead amma bagua no mu, nsra no mu.


Na Yabesfo no kae sɛ: Ɔkyena yebefi adi aba mo nkyɛn, na moayɛ yɛn sɛ eye mo ani so nyinaa.


Na ɔkan wɔn Besek, na Israelfo no ano si ɔpehasa, na Yuda mmarima si ɔpeduasa.


Na Yabes-gileadfo tee nea Filistifo ayɛ Saul no,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan