Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 10:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Na di m’anim sian kɔ Gilgal, na hwɛ, me nso meresian maba wo nkyɛn mabɛbɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre. Tena hɔ twɛn nnansɔn kosi sɛ mɛba wo nkyɛn mabɛkyerɛ wo nea yɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na di m’anim siane kɔ Gilgal, na hwɛ, me nso meresiane maba wo nkyɛn mabɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Tena hɔ twɛn nnanson kɔsi sɛ mɛba wo nkyɛn mabɛkyerɛ wo deɛ yɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Afei, sian di mʼanim kɔ Gilgal na kɔtwɛn me wɔ hɔ nnanson. Mɛba abɛka wo ho wɔ hɔ, na yɛabɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre. Na sɛ midu hɔ a, mɛkyerɛ wo nea ɛsɛ sɛ woyɛ bio.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

8 Na di m’anim siane kɔ Gilgal, na hwɛ, me nso meresiane maba wo nkyɛn mabɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Tena hɔ twɛn nnanson kɔsi sɛ mɛba wo nkyɛn mabɛkyerɛ wo deɛ yɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Afei, siane di mʼanim kɔ Gilgal na kɔtwɛn me wɔ hɔ nnanson. Mɛba abɛka wo ho wɔ hɔ, na yɛabɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Na sɛ meduru hɔ a, mɛkyerɛ wo deɛ ɛsɛ sɛ woyɛ bio.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na di m’anim sian kɔ Gilgal, na hwɛ, me nso meresian maba wo nkyɛn mabɛbɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre. Tena hɔ twɛn nnansɔn kosi sɛ mɛba wo nkyɛn mabɛkyerɛ wo nea yɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 10:8
7 Iomraidhean Croise  

Na Benyaminni Gera ba Simei a ofi Bahurim no yɛɛ ntɛm ne Yuda mmarima no sian bae behyiaa ɔhene Dawid,


Na onyi asomdwoe afɔre no bi mmra mmɛbɔ ogya afɔre mma AWURADE: ne srade ne ne sradedua mu a ontwa no pidua so pa ara ne srade a ɛkata ayamde no so ne ayamde no ho srade nyinaa,


Na ɔman no foro fii Yordan mu ɔsram a edi kan no da a ɛto so du, na wɔkɔbɔɔ nsra Gilgal, Yeriko apuei hye so.


Na Israel nyinaa tee sɛ Saul aka Filistifo bansifo no agu, ne sɛ Israel ama wɔn ho ayɛ Filistifo ahi. Na wohyiahyiaa ɔman no boaa ano, Saul nkyɛn wɔ Gilgal.


Na Samuel se: Sɛ wo nkrante maa mmea dii mmasigyaw no, saa ara nso na wo na bedi basigyaw mmea mu. Na Samuel twitwaa Agag AWURADE anim wɔ Gilgal.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan