Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 10:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Na sɛ nsɛnkyerɛnne yi ba mu ma wo a, yɛ nea wo nsa bɛso so fa, na Onyankopɔn di w’akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na sɛ nsɛnkyerɛnneɛ yi ba mu ma wo a, yɛ deɛ wo nsa bɛso soɔ fa, na Onyankopɔn di w’akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Saa nsɛnkyerɛnne yi akyi no, yɛ nea wugye di sɛ eye biara, na Onyankopɔn bɛka wo ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Na sɛ nsɛnkyerɛnneɛ yi ba mu ma wo a, yɛ deɛ wo nsa bɛso soɔ fa, na Onyankopɔn di w’akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Saa nsɛnkyerɛnneɛ yi akyi no, yɛ deɛ wogye di sɛ ɛyɛ biara, na Onyankopɔn bɛka wo ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na sɛ nsɛnkyerɛnne yi ba mu ma wo a, yɛ nea wo nsa bɛso so fa, na Onyankopɔn di w’akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 10:7
20 Iomraidhean Croise  

Na Onyankopɔn dii abarimaa no akyi, na onyinii, na ɔtenaa sare so hɔ yɛɛ ɔbɛmmatofo.


Na Natan ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Nea ɛwɔ wo koma mu nyinaa kɔyɛ, na AWURADE di w’akyi.


na sɛ m’ani gyei sɛ m’ahode dɔɔso, ne sɛ me nsa aka ade bebree,


Na sɛ wɔannye wo anni, na wɔammu sɛnkyerɛnne a edi kan no a, wobegye sɛnkyerɛnne a ɛto so abien no adi.


Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ, na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni asaman a worekɔ hɔ no.


Enti Awurade ankasa bɛma mo sɛnkyerɛnne: Hwɛ, ababaa no benyinsɛn awo babanin, na wato no din Imanuel ase ne: Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.


Hwɛ, ababaa no benyinsɛn, na wawo babanin, na wɔato ne din Imanuel (a asekyerɛ ne sɛ: Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ).


na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.


Na eyi ne mo sɛnkyerɛnne: Mubehu akokoaa a wɔde ntama akyekyere no sɛ ɔda mmoa adididaka mu.


Afei nnipa no huu sɛnkyerɛnne a Yesu yɛe no, wɔkae sɛ: Ampa, odiyifo a ɔreba wiase no ni!


Sɛ wutu sa ne w’atamfo akɔko na wuhu apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne ɔman a wɔdɔɔso sen wo a, nsuro wɔn, efisɛ AWURADE wo Nyankopɔn a ɔde wo fi Misraim asase so bae no ka wo ho.


Mommma sikanibere mmma mo abrabɔ mu, na mompene nea mowɔ; efisɛ ɔno ankasa aka sɛ: Merennyaw wo, nanso merempa wo da.


Obi biara rennyina w’anim, wo nkwa nna nyinaa; sɛnea midii Mose akyi no, saa ara na medi w’akyi; merempa wo na merennyaw wo.


Ɛno menhyɛɛ wo sɛ yɛ den na yɛ nnam, nsuro, na mma wo bo nntu anaa? Efisɛ AWURADE wo Nyankopɔn di w’akyi nea wokɔ nyinaa.


Na AWURADE bɔfo no yii ne ho kyerɛɛ no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: AWURADE di w’akyi, wo dɔmmarima.


Na anɔpa a owia repue no, sɔre ntɛm bɛtow hyɛ kurow no so, na hwɛ, ɔno ne ɔman a wɔka ne ho no befi adi abehyia wo, na woayɛ no sɛnea wubetumi.


Na eyi nyɛ wo nea ɛbɛba wo mma baanu, Hofni ne Pinehas, so no ho sɛnkyerɛnne: Da koro na wɔn baanu no bewuwu.


Na sɛ ɛsɔ m’agya ani sɛ bɔne mmra wo so na mamma mammeyi wo asotiw, na mannya wo kwan amma woankɔ asomdwoe mu a, AWURADE nyɛ Yonatan sa na ɔnka ho sa! Na AWURADE nni w’akyi sɛnea odi m’agya akyi no.


Na Samuel renyin no, na AWURADE di n’akyi, na asɛm biara a ɔkae no baa mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan