Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 10:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Na AWURADE honhom besi wo so, na wo ne wɔn ahyɛ nkɔm, na woadan ayɛ onipa foforo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na AWURADE honhom bɛsi wo so, na wo ne wɔn ahyɛ nkɔm, na woadane ayɛ onipa foforɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Saa bere no, Onyankopɔn Honhom bɛba wo so wɔ tumi mu, na wo ne wɔn bɛhyɛ nkɔm. Wobɛsakra ayɛ onipa foforo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

6 Na AWURADE honhom bɛsi wo so, na wo ne wɔn ahyɛ nkɔm, na woadane ayɛ onipa foforɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Saa ɛberɛ no, Awurade Honhom bɛba wo so wɔ tumi mu, na wo ne wɔn bɛhyɛ nkɔm. Wobɛsakyera ayɛ onipa foforɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na AWURADE honhom besi wo so, na wo ne wɔn ahyɛ nkɔm, na woadan ayɛ onipa foforo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 10:6
14 Iomraidhean Croise  

Na mesian me ne wo abɛkasa, na mede honhom a ɛwɔ wo so no bi magu wɔn so na wɔne wo aso ɔman no adesoa no mu, na wo nko woankura.


Na AWURADE sian omununkum no mu na ɔkasa kyerɛɛ no, na ɔde ne honhom a ɛwɔ no so no bi guu mpanyimfo aduɔsɔn no so; na honhom no bae wɔn so no, wɔkaa adiyisɛm, bere tiaa bi mu a wɔansan anyɛ bio.


Na mmarima baanu kaa nsra no mu, obiako din de Eldad na obiako no de Medad; na honhom no besisii wɔn so, na wɔfra nnipa a wɔkyerɛw wɔn din no mu, nanso wɔamfi adi ankɔ ntamadan no ho; enti wɔkaa adiyisɛm nsra no mu.


Na Mose ka kyerɛɛ no sɛ: Woretwe me ho ninkunu? Ka me nko a, anka AWURADE man nyinaa adannan adiyifo, na AWURADE de ne honhom agu wɔn so.


Ɛda no, nnipa pii bɛka akyerɛ me sɛ: Awurade, Awurade, yɛmfaa wo din nhyɛɛ nkɔm, na yɛmfaa wo din ntuu ahonhommɔne, na yɛmfaa wo din nyɛɛ tumide pii anaa?


Na AWURADE honhom sii no so, na ɔtetew no mu, sɛnea wɔtetew abirekyi ba mu, nanso na hwee nkita ne nsam. Na wanka nea ɔyɛe no ankyerɛ n’agya ne ne na.


Ɔreyɛ adu Lehi no, Filistifo no bɔɔ no so ose. Na AWURADE honhom sii no so dennennen, na ntampehama a ɛwɔ ne basa ho no yeyɛɛ sɛ asaawa a wɔde ogya aka, na ne nhama no sansan fii ne nsa.


Na AWURADE honhom baa no so, na odii Israel anim, na ofii adi tuu sa, na AWURADE de Mesopotamia hene Kusan-risataim, hyɛɛ ne nsa, na odii no so nkonim


Na woduu Gibea kurow no mu no, hwɛ, adiyifo asafo behyiaa no, na Onyankopɔn honhom besii Saul so, na ɔhyɛɛ nkɔm wɔ wɔn mu.


Na ɔdan ne ho sɛ ɔrefi Samuel nkyɛn akɔ no, Onyankopɔn maa no koma foforo; na nsɛnkyerɛnne yi nyinaa baa mu da no ara.


Na Saul tee nsɛm yi no, AWURADE honhom sii no so, na ne bo fuwii kɛse.


Ɛnna Samuel faa ngo abɛn no, na ɔsraa no ne nuanom mu. Na AWURADE honhom sii Dawid so fi da no ara de rekɔ no. Ɛnna Samuel sɔre baa Rama.


Na Saul somaa abɔfo sɛ wɔnkɔfa Dawid; na wohuu adiyifo no sɛ wɔrehyɛ nkɔm na Samuel gyina hɔ rehwɛ wɔn so no, Onyankopɔn honhom baa Saul abɔfo no so, na wɔn nso hyehyɛɛ nkɔm.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan