Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 10:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Ɛno akyi no, wubedu Gibeat-elohim, wɔ nea Filistifo bansifo wɔ no; na sɛ wudu kurow no mu hɔ a, wubehyia adiyifo asafo a wɔresian afi sorɔnsorɔmmea hɔ, na bɛnta sanku ne mpintin ne mmɛn ne asanku di wɔn anim, na wɔrehyɛ nkɔm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Ɛno akyiri no, wobɛduru Gibea-elohim, wɔ deɛ Filistifoɔ bansifoɔ wɔ no; na ɛbɛba sɛ woduru kuro no mu hɔ a, wobɛhyia adiyifoɔ asafo a wɔresiane afiri sorɔnsorɔnbea hɔ, na bɛnta ne mpintin ne mmɛn ne asankuo di wɔn anim; na wɔrehyɛ nkɔm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 “Na sɛ mudu Onyankopɔn koko a ɛwɔ Gibea a Filistifo nsraadɔm abɔ pem wɔ hɔ no a, mubehu adiyifo asafodɔm sɛ wofi afɔremuka a ɛwɔ bepɔw no so hɔ resian ba. Ɛhɔ na mubehyia adiyifo asafo a wɔresian afi bepɔw no so hɔ reba na bɛnta ne mpintin ne mmɛn ne asanku di wɔn anim a wɔrehyɛ nkɔm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 Ɛno akyiri no, wobɛduru Gibea-elohim, wɔ deɛ Filistifoɔ bansifoɔ wɔ no; na ɛbɛba sɛ woduru kuro no mu hɔ a, wobɛhyia adiyifoɔ asafo a wɔresiane afiri sorɔnsorɔnbea hɔ, na bɛnta ne mpintin ne mmɛn ne asankuo di wɔn anim; na wɔrehyɛ nkɔm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 “Na sɛ moduru Onyankopɔn kokoɔ a ɛwɔ Gibea a Filistifoɔ akodɔm abɔ kyɛmpem wɔ hɔ no a, mobɛhunu adiyifoɔ asafodɔm sɛ wɔfiri afɔrebukyia a ɛwɔ bepɔ no so hɔ resiane ba. Ɛhɔ na mobɛhyia adiyifoɔ asafo a wɔresiane firi bepɔ no so hɔ reba na bɛnta ne mpintin ne mmɛn ne nsankuo di wɔn anim a wɔrehyɛ nkɔm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Ɛno akyi no, wubedu Gibeat-elohim, wɔ nea Filistifo bansifo wɔ no; na sɛ wudu kurow no mu hɔ a, wubehyia adiyifo asafo a wɔresian afi sorɔnsorɔmmea hɔ, na bɛnta sanku ne mpintin ne mmɛn ne asanku di wɔn anim, na wɔrehyɛ nkɔm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 10:5
27 Iomraidhean Croise  

Na owigyinae twaa mu no, wɔkɔmee koduu sɛ ɛrekɔ aduan afɔrebɔ bere; nso wɔante ɛnne bi, na obi nso annye so, na obi antie wɔn.


Na adiyifo mma a wɔwɔ Yeriko wɔ ne ntentenso no huu no no, wɔkae sɛ: Elia honhom abesi Elisa so. Na wɔbae behyiaa no, na wɔkotow no butuw fam.


Na adiyifo mma a wɔwɔ Betel no fii adi baa Elisa nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: So wunim sɛ ɛnnɛ AWURADE rebɛfa wo wura afi wo nkyɛn akɔ? Na ose: Yiw minim; monyɛ komm!


Na adiyifo mma a wɔwɔ Yeriko no twiw baa Elisa nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: So wunim sɛ ɛnnɛ AWURADE bɛfa wo wura afi wo nkyɛn akɔ? Na ose: Yiw minim; monyɛ komm!


Na adiyifo mma no mu aduonum kɔe kogyinagyinaa wɔn ntentenso akyirikyiri, na wɔn baanu no gyinaa Yordan ano.


Na afei momfa ɔsankubɔfo mmrɛ me. Na ɔsankubɔfo no rebɔ no, AWURADE nsa baa no so,


Na Elisa san baa Gilgal. Na ɔkɔm aba asase no so, na adiyifo mma no tete n’anim. Na ɔka kyerɛɛ n’abofra sɛ: Fa ɔsɛnkɛse si so noa aduan ma adiyifo mma no.


Na adiyifo mma no ka kyerɛɛ Elisa sɛ: Hwɛ, w’anim ha a yɛte yi yɛ hihiaa papa ma yɛn.


Nso ɛbere no mu na Dawid wɔ bepɔw so atenae no mu, na Filistifo bansifo wɔ Betlehem bere no mu.


Na Dawid ne Israel nyinaa gorui Onyankopɔn anim, wɔde ahoɔden nyinaa ne nnwom ne asanku ne mmɛnta asanku ne mpintin ne nnawuru ne ntorobɛnto.


na Heman ne Yedutun ka wɔn ho kura ntorobɛnto ne nsammɔ nnawuru a wɔma egyigye, ne nneɛma a wɔde to Onyankopɔn dwom. Na Yedutun mma de, wɔwɔ ɔpon ano.


Asaf na odi ti, na Sakaria di hɔ, Yeiel ne Semiramot ne Yehiel ne Matitia ne Eliab ne Benaia ne Obed-edom ne Yeiel, wokurakura mmɛnta asanku ne nsankuten, na Asaf de, ɔbɔ nnawuru a egyigye.


Mɛbrɛ m’aso ase matie abebusɛm, mede sankubɔ mɛkyerɛ me bɛ ase.


sankuhan du ne bɛnta sanku so, sanku ho adwempa dwom mu.


Mompɛ ɔdɔ akyi kwan, na mommɔ honhom akyɛde no ho mmɔden, ne titiriw sɛ mobɛhyɛ nkɔm.


Na woduu Gibea kurow no mu no, hwɛ, adiyifo asafo behyiaa no, na Onyankopɔn honhom besii Saul so, na ɔhyɛɛ nkɔm wɔ wɔn mu.


Na wobekyia wo, na wɔama wo brodo abiɛsa na woagye wɔn nsam.


ɔpaw Israel mu nnipa mpensa fae. Na wɔn mu mpennu wɔ Saul nkyɛn, Mikmas ne Betel bepɔw so, na apem wɔ Yonatan nkyɛn Gibea a ɛwɔ Benyamin; na ɔman a aka no, ogyaa wɔn kwan ma wɔkokɔɔ wɔn ntamadan mu.


Na Yonatan kaa Filistifo bansifo a wɔwɔ Geba no gui; na Filistifo tee. Ɛnna Saul hyɛn torobɛnto asase no nyinaa so sɛ: Momma Hebrifo nte!


Na Saul somaa abɔfo sɛ wɔnkɔfa Dawid; na wohuu adiyifo no sɛ wɔrehyɛ nkɔm na Samuel gyina hɔ rehwɛ wɔn so no, Onyankopɔn honhom baa Saul abɔfo no so, na wɔn nso hyehyɛɛ nkɔm.


Na wobuaa wɔn sɛ: Ɔwɔ hɔ, hwɛ, ɔwɔ mo anim ha yi ara; monyɛ ntɛm, na ɛnnɛ waba kurow no mu, na ɔman no bɔ afɔre nnɛ sorɔnsorɔmmea hɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan