Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 10:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na wufi hɔ kɔ w’anim, na wudu Tabor dupɔn no ho a, mmarima baasa a wɔrekɔ Onyankopɔn nkyɛn Betel behyia wo hɔ, obiako so mmirekyi abiɛsa, na obiako so brodo sebɔw abiɛsa, na obiako so bobesa ahina ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na wofiri hɔ kɔ w’anim, na woduru Tabor dupɔn no ho a, mmarima baasa a wɔrekɔ Nyankopɔn nkyɛn Betel bɛhyia wo hɔ, ɔbaako so mmirekyie mmiɛnsa, na ɔbaako so paanoo mua mmiɛnsa, na ɔbaako so bobesa ahina ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 “Mudu dua kɛse bi a esi Tabor ho a, mubehyia mmarima baasa bi a wofi Bet-El rekɔ akɔsom Onyankopɔn. Ɔbaako so mmirekyi mma abiɛsa, ɔbaako nso so brodo mua abiɛsa, na nea ɔka ho no nso so nsa aboa nhoma kotoku baako.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na wofiri hɔ kɔ w’anim, na woduru Tabor dupɔn no ho a, mmarima baasa a wɔrekɔ Nyankopɔn nkyɛn Betel bɛhyia wo hɔ, ɔbaako so mmirekyie mmiɛnsa, na ɔbaako so paanoo mua mmiɛnsa, na ɔbaako so bobesa ahina ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 “Moduru dua kɛseɛ bi a ɛsi Tabor ho a mobɛhyia mmarima baasa bi a wɔfiri Bet-El rekɔ akɔsom Onyankopɔn. Ɔbaako so mmirekyie mma mmiɛnsa, ɔbaako nso so burodo mua mmiɛnsa ɛnna deɛ ɔka ho no nso so nsã aboa nwoma kotokuo baako.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na wufi hɔ kɔ w’anim, na wudu Tabor dupɔn no ho a, mmarima baasa a wɔrekɔ Onyankopɔn nkyɛn Betel behyia wo hɔ, obiako so mmirekyi abiɛsa, na obiako so brodo sebɔw abiɛsa, na obiako so bobesa ahina ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 10:3
22 Iomraidhean Croise  

Na ɔfrɛɛ hɔ Betel ase ne: Onyankopɔn fi, nanso kan no na kurow no din de Lus.


Na ɔbo yi a mede mayɛ odum masi hɔ yi bɛyɛ Onyankopɔn fi. Na nea wobɛma me nyinaa, mɛma wo so ntotoso du du.


Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ, Yakob sɛ: Sɔre kɔ Betel kɔtena hɔ, na si afɔremuka wɔ hɔ ma Onyankopɔn a oyii ne ho kyerɛɛ wo ɛda a woreguan afi wo nua Esau anim no.


Na momma yɛnsɔre nkɔ Betel, na minkosi afɔremuka wɔ hɔ memma Onyankopɔn a m'ahohia da otiee me, na odii m'akyi wɔ ɔkwan a mekɔe no mu no.


Atifi fam ne Anafo fam, wo ara na wobɔe, Tabor ne Hermon di wo din mu ahurusi.


Ɛnna m’agya ne nua ba Hanamel baa me nkyɛn awɛmfo abangua no mu, sɛ AWURADE asɛm no kae no, bɛka kyerɛɛ me sɛ: Tɔ m’afuw a ɛwɔ Anatot, Benyamin asase so no, na wo na ade no di ne ne gye wɔ wo. Tɔ fa! Ɛnna mihui sɛ ɛyɛ AWURADE asɛm.


Na sɛ n'ayɛyɛde no fi nguan mu, nguanten anaa mmirekyi mu, na ɔde rekɔbɔ ɔhyew afɔre a, onini a odi mu na ɔmfa mmra.


ne ɛho aduan afɔre: asikresam abupɛn du mu abien a wɔde ngo afɔtɔw, na ɛnyɛ AWURADE gya afɔre a eyi hua huamhuam; ne ɛho ahwiesa, bobesa susutoa abupɛn anan mu biako.


Na sɛ n'ayɛyɛde no yɛ abirekyi a, ɔmfa mmra AWURADE anim;


Na sɛ n'ayɛyɛde a ɔde rebɛbɔ asomdwoe afɔre ama AWURADE no yɛ nguan no bi a, onini oo, ɔbere oo, nea odi mu na ɔmfa mmra.


Mmɔkaw abodoo tetare na ɔmfa nka n'ayɛyɛde ne n'asomdwoe aseda afɔre no ho mmra.


Na ɛsan fi Sarid kɔ anim owiapuei de kɔ Kislot-abor hye so na efi kɔ Daberat, na ɛforo kɔ Yafia.


Na ɔhye no kɔpem Tabor ne Sahasima ne Bet-Semes, na wɔn hye no ano kodu Yordan ano: Nkurow dunsia ne ɛho nkuraa.


Na Israelfo sɔree, na wosiim kɔɔ Betel kobisaa Onyankopɔn; na wose: Yɛn mu hena na ɔnkɔ kan ne Benyaminfo no nkɔko? Na AWURADE kaa sɛ: Yuda nkɔ kan.


Na Israelfo no kɔ kosui AWURADE anim kosii anwummere, na wobisaa AWURADE se: So mintwiw nkɔ bio na me ne me nua Benyamin mma no nkɔko? Na AWURADE kaa sɛ: Monkɔ no so.


Na Israelfo no bisaa AWURADE, efisɛ ɛhɔ na Onyankopɔn Apam Adaka no wɔ nna no mu,


Na wɔkɔka kyerɛɛ Sisera sɛ Abinoam ba Barak aforo kɔ Tabor bepɔw so.


Na ɔsoma kohyiaa Abinoam ba Barak fi Kedes-naftali bae, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: So ɛnyɛ ɔhyɛ na AWURADE Israel Nyankopɔn ahyɛ wo sɛ: Twiw kɔ Tabor bepɔw so, na fa Naftalifo ne Sebulonfo mu mmarima ɔpedu ka wo ho?


Na ɔka kyerɛɛ Seba ne Salmuna sɛ: Mmarima a mukunkum wɔn Tabor no te dɛn? Na wose: Wɔne wo pɛ, wɔn nyinaa sesɛ ahene mma.


Na wobekyia wo, na wɔama wo brodo abiɛsa na woagye wɔn nsam.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan