Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 10:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Wufi me nkyɛn nnɛ rekɔ yi, wobɛto mmarima baanu wɔ Selsa, Rahel da so, Benyamin hye so, na wɔbɛka akyerɛ wo sɛ: Mfurum a wokɔhwehwɛɛ wɔn no, wɔahu wɔn, na hwɛ, w’agya agyae mfurum no ho dwen, na mo so na ne dadwen abesi sɛ: Menyɛ me ba yi ho dɛn?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Wofiri me nkyɛn nnɛ rekorɔ yi, wobɛto mmarima baanu wɔ Selsa, Rahel da so, Benyamin hyeɛ so, na wɔbɛka akyerɛ wo sɛ: Mfunumu a wokɔhwehwɛɛ wɔn no, wɔahu wɔn, na hwɛ, w’agya agyae mfunumu no ho dwene, na mo so na ne dadwen abɛsie sɛ: Menyɛ dɛn me ba yi ho?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Sɛ wugyaw me ha nnɛ na worekɔ a, wubehyia mmarima baanu wɔ baabi a ɛbɛn Rahel da a ɛwɔ Selsa a ɛbɛn Benyamin hye no. Wɔbɛka akyerɛ wo se, ‘Mfurum a mutuu ho anammɔn kɔhwehwɛɛ wɔn no, wɔahu wɔn. Enti mprempren, wʼagya agyae wɔn ho dwene, na mmom, mo ho na ɔredwen. Ɔtaa bisa se, “Obi ahu me babarima no ana?” ’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Wofiri me nkyɛn nnɛ rekorɔ yi, wobɛto mmarima baanu wɔ Selsa, Rahel da so, Benyamin hyeɛ so, na wɔbɛka akyerɛ wo sɛ: Mfunumu a wokɔhwehwɛɛ wɔn no, wɔahu wɔn, na hwɛ, w’agya agyae mfunumu no ho dwene, na mo so na ne dadwen abɛsie sɛ: Menyɛ dɛn me ba yi ho?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Sɛ wogya me ha ɛnnɛ na worekɔ a, wobɛhyia mmarima baanu wɔ baabi a ɛbɛn Rahel ɛda a ɛwɔ Selsa a ɛbɛn Benyamin hyeɛ no. Wɔbɛka akyerɛ wo sɛ, ‘Mfunumu a motuu ho anammɔn kɔhwehwɛɛ wɔn no, wɔahu wɔn. Enti, seesei, wʼagya agyae wɔn ho dwene, na mmom, mo ho na ɔredwene. Ɔtaa bisa sɛ, “Obi ahunu me babarima no anaa?” ’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Wufi me nkyɛn nnɛ rekɔ yi, wobɛto mmarima baanu wɔ Selsa, Rahel da so, Benyamin hye so, na wɔbɛka akyerɛ wo sɛ: Mfurum a wokɔhwehwɛɛ wɔn no, wɔahu wɔn, na hwɛ, w’agya agyae mfurum no ho dwen, na mo so na ne dadwen abesi sɛ: Menyɛ me ba yi ho dɛn?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 10:2
7 Iomraidhean Croise  

Na wotutu fii Betel kɔe. Na aka ɔkwan tiaa bi na wɔadu Efrat no, awo kaa Rahel, na awo no den no.


Na me de, mifi Padan mebae no, Rahel wui m'anim wɔ Kanaan asase so wɔ ɔkwan mu, na aka ɔkwantiaa bi na wadu Efrat, na misiee no hɔ wɔ Efrat a ɛne Betlehem no kwan nkyɛn.


Sɛ AWURADE se ni; Wɔte nne bi Rama, agyaadwotwa ne osu yawyaw. Rahel resu ne mma, na ɔmpene ne mma ho awerɛkyekye, efisɛ wonni hɔ.


ne Sela, Haelef ne Yebus a ɛne Yerusalem, Gibeat, Kiriat: Nkurow dunan ne ɛho nkuraa. Eyi ne Benyaminfo no agyapade sɛ wɔn mmusua te.


Na Saul ka kyerɛɛ n’agya ne nua no sɛ: Ɔkaa no pefee kyerɛɛ yɛn sɛ wɔahu mfurum no. Na ahenni no ho asɛm a Samuel kae no de, wanka ankyerɛ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan