Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 10:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Ɛnna Samuel faa ngo toa hwie guu Saul atifi, na ofew n’ano kae sɛ: AWURADE asra wo asi ne man Israel so panyin. Na wobedi AWURADE nkurɔfo anim, agye wɔn afi wɔn atamfo a atwa wɔn ho nyinaa nsam. Na eyi ne wo nsɛkyerɛnne sɛ AWURADE asra wo ngo adi ne nkurɔfo ne n’agyapade so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Ɛnna Samuel faa ngo toa hwie guu n’atifi, na ɔfee n’ano kaa sɛ: Ɛnyɛ sra na AWURADE asra wo asi n’agyapadeɛ so hene ne ɔman Israel so anaa? Na wobɛdi AWURADE nkurɔfoɔ so hene, na woagye wɔn afiri wɔn atamfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia no nsam. Na yei bɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama wo sɛ AWURADE asi wo hene wɔ n’agyapadeɛ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, Samuel faa ngotoa a ngo wɔ mu hwie guu Saulo tirim, few nʼafono ho, kae se, “Mereyɛ eyi de akyerɛ sɛ Awurade apaw wo sɛ ɔkannifo ama ne man Israel.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Ɛnna Samuel faa ngo toa hwie guu n’atifi, na ɔfee n’ano kaa sɛ: Ɛnyɛ sra na AWURADE asra wo asi n’agyapadeɛ so hene ne ɔman Israel so anaa? Na wobɛdi AWURADE nkurɔfoɔ so hene, na woagye wɔn afiri wɔn atamfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia no nsam. Na yei bɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama wo sɛ AWURADE asi wo hene wɔ n’agyapadeɛ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, Samuel faa ngotoa a ngo wɔ mu hwie guu Saulo tirim, fee nʼafono ho, kaa sɛ, “Mereyɛ yei de akyerɛ sɛ Awurade apa wo sɛ ɔkannifoɔ ama ne ɔman Israel.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Ɛnna Samuel faa ngo toa hwie guu Saul atifi, na ofew n’ano kae sɛ: AWURADE asra wo asi ne man Israel so panyin. Na wobedi AWURADE nkurɔfo anim, agye wɔn afi wɔn atamfo a atwa wɔn ho nyinaa nsam. Na eyi ne wo nsɛkyerɛnne sɛ AWURADE asra wo ngo adi ne nkurɔfo ne n’agyapade so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 10:1
38 Iomraidhean Croise  

Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn na woansuro sɛ wobɛteɛ wo nsa akum nea AWURADE asra no ngo no?


Na ɔman no nyinaa twaa Yordan na ɔhene nso twae; na ɔhene few Barsilai ano na ɔsan kɔɔ fie.


Meyɛ wɔn a wɔpɛ asomdwoe ne nokware no mu biako. Wo de, worehwehwɛ asɛe Israel mu kurow ne ɔman no; na ɛdɛn nti na worebɛmene AWURADE agyapade?


Nso kan no a Saul di yɛn so hene no wone nea ɔde Israel fi adi na wode wɔn ba mu; na AWURADE aka akyerɛ wo sɛ: Wo na wobɛyɛn me man Israel, na wo na wubedi Israel so panyin.


Na ɔsɔfo Sadok ne odiyifo Natan nsra no mfa no nsi Israel so hene wɔ hɔ, na monhyɛn torobɛnto sɛ: Ɔhene Solomon tiri nkwa!


Nanso megyaw Israel mu nnipa mpemnsɔn, nkotodwe a ennya nkotow Baal nyinaa ne ano a ennya mfew n’ano nyinaa.


San kɔka kyerɛ Hesekia, me man so hwɛfo no, sɛ: Sɛ AWURADE, w’agya Dawid Nyankopɔn se ni: Mate wo mpaebɔ, mahu wo nusu, hwɛ, me na mɛsa wo yare. Da a ɛto so abiɛsa no wobɛforo akɔ AWURADE fi.


Na odiyifo Elisa frɛɛ adiyifo mma no mu biako ka kyerɛɛ no sɛ: Bɔ wo ho so, na fa ngo toa yi kura, na kɔ Ramot-gilead.


Na wose: Atoro! Ka kyerɛ yɛn ɛ! Na ose: Sɛɛ ne sɛɛ na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Masra wo masi wo Israel so hene.


Na AWURADE apaw Yakob afa, ɔde Israel ayɛ ne de.


Momfa nidi mapa mma no, na ne bo amfuw, na moanyera ɔkwan mu; na aka kakra na n’abufuw adɛw. Nhyira ne wɔn a woguan toa no nyinaa.


Ɔma ofii nguammere a wɔma nufu akyidi bae, sɛ ɔmmɛyɛn ne man Yakob ne n’agyapade Israel.


Wo nso fa nnuhuam mu atitiriw, kurobow a anene nnwetɛbona ahannum, ne dupapo huamhuam saa fa, ahanu aduonum, ne mmetire huamhuam ahanu aduonum,


Yakob kyɛfa nte sɛ eyinom, na ade nyinaa yɛfo ne no, na Israel ne n’apɛgyade a ne poma di so; asafo AWURADE ne ne din.


Na wode sika ne dwetɛ hyehyɛɛ wo ho, na wo ntade yɛ nwera pa ne sedaa ne nkyeremu; asikresam ne ɛwo ne ngo na wudii, na wo ho yɛɛ fɛ pa ara, na wudii yiye koduu ahenni mu.


Na afei wɔkɔ so yɛ bɔne, na wɔde wɔn dwetɛ yɛ ogu ahoni ne wɔn nhumu ano adwinhoni; ɛyɛ odwumfo adwuma ara nko. Nnipa a wɔbɔ afɔre kasa kyerɛ wɔn. Wofew anantwi mma ano.


Na efi ɛno so no, wobisaa ɔhene; na Onyankopɔn de Saul, Kis ba a ofi Benyamin abusuakuw mu maa wɔn mfirihyia aduanan.


Na AWURADE kyɛfa ne ne man, Yakob ne n’agyapade a wɔasusuw ama no.


Momfa mfewano kronkron nkyiakyia anuanom nyinaa.


Na ɛfata nea ne nti nneɛma nyinaa wɔ hɔ na ɛnam ne so na nneɛma nyinaa wɔ hɔ, nea ɔde mma bebree baa anuonyam mu no, sɛ ɔde wɔn nkwagye safohene nam amanehunu mu bɛkɔ pɛyɛ mu.


Na ogyee nhoma no no, ateasefo baanan no ne mpanyimfo aduonu anan no hwehwee oguammaa no anim, wɔn nyinaa kurakura asanku ne sika ayowa a ohuam ayɛ no mama a ɛyɛ ahotefo mpaebɔ no.


Hwɛ, mini, munni me adanse, AWURADE ne nea wasra no yi anim: Hena nantwi na mafa? Na hena afurum na mafa? Na hena na mahyɛ no so? Na hena na madi no amim? Anaa hena hɔ na magye ademmude na mede mamua m’ani mama no? Na mennan memma mo. Momfa nto gua na metua onipa ko ka


Na afei w’ahenni rennyina. AWURADE bɛhwehwɛ ne koma so barima afa, na AWURADE asi no ne man so hene, efisɛ woanni nea AWURADE hyɛɛ wo no so.


Na Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: Me na AWURADE somaa me sɛ memmɛsra wo ngo minsi wo ne man so hene; na afei tie AWURADE nsɛm:


Na Samuel kae sɛ: Ɛwom sɛ woyɛ wo ara w’ani so ketewa de, nanso wone Israel mmusuakuw ti, AWURADE sraa wo sɛ di Israel so hene;


Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Wubegyam Saul akosi da bɛn? Na me de, mapa no sɛ onnni Israel so hene. Fa ngo hyɛ w’abɛn ma, na bra ma mensoma wo Betlehemni Yese nkyɛn, efisɛ ne mma mu na mayi ɔhene mafa.


Ɛnna Samuel faa ngo abɛn no, na ɔsraa no ne nuanom mu. Na AWURADE honhom sii Dawid so fi da no ara de rekɔ no. Ɛnna Samuel sɔre baa Rama.


AWURADE atamfo bewie pasaa, na ɔbɛma n’aprannaa abom ɔsoro agu wɔn so. AWURADE bebu asase ano atɛn, ɔde ahoɔden bɛma ne hene, na wama nea wasra no ngo no abɛn so.


Na ɔka kyerɛɛ ne nnipa no sɛ: AWURADE mma ɛmpare me sɛ mɛyɛ me wura a AWURADE asra no no ade a ɛte sɛɛ, sɛ mɛteɛ me nsa maka no, efisɛ nea AWURADE asra no ne no.


AWURADE mma ɛmpare me sɛ mɛteɛ me nsa maka nea AWURADE asra no no. Na afei fa peaw a ɛwɔ n’atifi no ne nsu kuruwa no na yɛnkɔ.


Na Dawid ka kyerɛɛ Abisai sɛ: Nkum no, na hena na ɔteɛ ne nsa ka nea AWURADE asra no na odi bem?


Na ɔman no ampene sɛ wotie Samuel, na wɔkae sɛ: Dabi, na ɔhene ara na onni yɛn so,


Enti tie wɔn; na kasa kyerɛ wɔn, kyerɛ wɔn ɔhene a obedi wɔn so no apɛde.


Ɔkyena sesɛbere mɛsoma ɔbarima bi afi Benyamin asase so aba wo nkyɛn, na sra no ngo si no me man Israel so panyin, na onnye me man mfi Filistifo nsam; na mahu me man no yaw, efisɛ wɔn su adu m’anim.


Wosian koduu kurotia no, Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: Ka kyerɛ w’abofra no na ɔmmɛsen nni yɛn anim nkɔ, na aberante no bɛsen kɔ a, wo de, gyina hɔ, afei ma menka nhyehyɛe a Onyankopɔn wɔ ma wo no, nkyerɛ wo, na tie.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan