Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 1:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Daa afe ɔbarima yi fi ne kurom kɔ sɛ ɔkɔsom na wabɔ afɔre ama asafo AWURADE wɔ Silo. Ɛhɔ na Eli mma baanu Hofni ne Pinehas yɛ asɔfo ma AWURADE.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Daa afe ɔbarima yi firi ne kurom kɔ sɛ ɔrekɔsɔre na wabɔ afɔdeɛ ama asafo AWURADE wɔ Silo. Na ɛhɔ na Eli mma baanu Hofni ne Pinehas di AWURADE asɔfoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Afe biara, na Elkana ne nʼabusuafo kɔ Silo kɔsom, bɔ afɔre ma Asafo Awurade wɔ Awurade fi. Na Eli mmabarima baanu a wɔn din de Hofni ne Pinehas na wɔyɛ Awurade asɔfo wɔ hɔ saa bere no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Daa afe ɔbarima yi firi ne kurom kɔ sɛ ɔrekɔsɔre na wabɔ afɔdeɛ ama asafo AWURADE wɔ Silo. Na ɛhɔ na Eli mma baanu Hofni ne Pinehas di AWURADE asɔfoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Afe biara, na Elkana ne nʼabusuafoɔ kɔ Silo kɔsom, bɔ afɔdeɛ ma Otumfoɔ Awurade wɔ Awurade fie. Na Eli mmammarima baanu a wɔn din de Hofni ne Pinehas na wɔyɛ Awurade asɔfoɔ wɔ hɔ saa ɛberɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Daa afe ɔbarima yi fi ne kurom kɔ sɛ ɔkɔsom na wabɔ afɔre ama asafo AWURADE wɔ Silo. Ɛhɔ na Eli mma baanu Hofni ne Pinehas yɛ asɔfo ma AWURADE.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 1:3
22 Iomraidhean Croise  

Na ogyaw Silo tenabea no, ntamadan a osii nnipa mu no.


Mpɛn abiɛsa na hyɛ fa ma me afirihyia mu.


Wo mmarima nyinaa mmepue AWURADE Nyakopɔn anim mpɛn abiɛsa afirihyia.


Afe mu mpɛn abiɛsa na wo mmarima nyinaa mmepue AWURADE Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn, no anim.


Na n’awofo kɔ Yerusalem daa afirihyia Twam afahyɛ ase.


Afirihyia biako mu mpɛn abiɛsa na wo mmarima nyinaa mmeyi wɔn ho adi AWURADE wo Nyankopɔn anim faako a ɔbɛkyerɛ hɔ: Apiti nnapɔnna, adapɛn dapɔnna ne asese nnapɔnna mu; na wɔmmfa nsapan mmmeyi wɔn ho adi, AWURADE anim;


Na Israelfo asafo no nyinaa behyiae Silo, na wosii ahyiae ntamadan no wɔ hɔ, na wɔbrɛɛ asase no ase wɔn anim.


Na wɔde Mika honi a wɔasen a ɔyɛe no sii hɔ fae nna a Onyankopɔn fi no wɔ Silo no nyinaa.


Na wɔkae sɛ: Hwɛ, wɔhyɛ AWURADE fa daa afe Silo a ɛwɔ Betel benkum fam, ɔtempɔn a efi Betel kɔ Sekem no apuei fam ne Lebona nifa fam.


Na ɔbarima Elkana ne ne fifo nyinaa foro kɔe sɛ ɔkɔbɔ afirihyia afɔre de n’aboade akɔma AWURADE.


Ɛnna wodidii Silo na wɔnom wiei no, Hana sɔree na ɔkɔɔ AWURADE anim nanso na ɔsɔfo Eli te agua so, AWURADE asɔredan ano apongua ho.


Na Ahiya a ɔyɛ AWURADE sɔfo Eli a ɔtenaa Silo no ba Pinehas ba Ikabod ne nua Ahitub ba hyɛ asɔfotade no. Na ɔman no nnim sɛ Yonatan kɔ.


Nso ne na pam batakari kumaa bi ma no, na ɔde brɛ no daa afe a ɔne ne kunu rebɛbɔ daa afe afɔre no.


Na eyi nyɛ wo nea ɛbɛba wo mma baanu, Hofni ne Pinehas, so no ho sɛnkyerɛnne: Da koro na wɔn baanu no bewuwu.


Na maka makyerɛ no sɛ merebu ne fi atɛn akosi daa, amumɔyɛ no nti, efisɛ onim sɛ ne mma reyɛ abusude, na wanka wɔn anim.


Na Onyankopɔn adaka no, Filistifo no fae, na Eli mma baanu no, Hofni ne Pinehas nso totɔe.


Ɛnna ɔman no soma kɔɔ Silo kɔsoaa asafo AWURADE a ɔte Kerubim ntam no apam adaka no bae, na Eli mma baanu no, Hofni ne Pinehas, na wɔwɔ Onyankopɔn apam adaka no ho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan