Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 9:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Na onipa biara a ɔka onipa mogya gu no, ne nsam na mebisa; na aboa mpo ka onipa mogya gu a mebisa afi ne nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na onipa biara a ɔka onipa mogya guo no, ne nsam mu na mɛbisa, na aboa mpo ka onipa mogya gu a mɛbisa afiri ne nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Na wo nkwa de, nea ɛbɛyɛ biara, mebisa ho akontaabu. Onipa a okum ne yɔnko nipa no, mebisa no ho asɛm. Mpo, aboa biara a obekum onipa no, mewɔ saa aboa no nso asɛmmisa. Mebisa onipa kra ho asɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 Na onipa biara a ɔka onipa mogya guo no, ne nsam mu na mɛbisa, na aboa mpo ka onipa mogya gu a mɛbisa afiri ne nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Wo nkwa deɛ, deɛ ɛbɛyɛ biara, mɛbisa ho akontabuo. Onipa a ɔkum ne yɔnko onipa no, mɛbisa no ho asɛm. Mpo, aboa biara a ɔbɛkum onipa no, mewɔ saa aboa no nso asɛmmisa. Mɛbisa onipa kra ho asɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na onipa biara a ɔka onipa mogya gu no, ne nsam na mebisa; na aboa mpo ka onipa mogya gu a mebisa afi ne nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 9:5
26 Iomraidhean Croise  

Nea ɔbɔ onipa ma owu no, okum na wonkum no.


sɛ, nea odi mogya so were no akae wɔn, na ne werɛ amfi abrɛfo nteɛm.


na mogya trenee a wɔahwie agu asase so nyinaa, efi Habel trenee mogya so de besi Barakia ba Sakaria a mukum no asɔredan ne afɔremuka ntam no mogya so aba mo so.


Nkyin wo nkurɔfo mu nni nseku; nsɔre nhyɛ wo yɔnko mogya: Mene AWURADE.


na ɔmaa nnipa wɔ aman nyinaa mu fi onipa biako mu tenaa asase so nyinaa, na wahyehyɛ mmere horow ne wɔn tenabea hye ato hɔ ama wɔn


Na Ruben buaa wɔn sɛ: Manka mankyerɛ mo sɛ: Monnyɛ abofra no bɔne bi, na moantie? Na hwɛ, ne mogya na wɔrehwehwɛ yi.


Na Onyankopɔn tuaa Abimelek bɔne a ɔyɛɛ n’agya, sɛ okum ne nuanom aduɔsɔn no so ka.


na menne sɛ nnipa bɔne adi onipa trenee awu ne fi, ne nnae so. Na afei, so meremmisa ne mogya mo nsam na merenyi mo mimfi asase so anaa?


Na ɔhene Yoas ankae adɔe a n’agya Yehoiada de yɛɛ no no, na okum ne ba no. Na ɔrewu no, ɔkae sɛ: AWURADE nhwɛ na ɔntɔ so were.


Na sɛ obi kum onipa biara a, okum na wonkum no.


Na nea okum afieboa no, onsi ananmu, na nea okum onipa no, wonkum no.


Na sɛ obi de dade bɔ obi ma owu a, ɔyɛ owudifo; okum na wonkum owudifo no.


Na obi kura ɔbo a ebetumi akum onipa na sɛ ɔde bɔ obi ma owu a, ɔyɛ owudifo; okum na wonkum owudifo no.


Anaasɛ okura dua a ebetumi akum onipa na sɛ ɔde bɔ no ma owu a, ɔyɛ owudifo; okum na wonkum owudifo no;


anaasɛ nitan so na ɔde ne nsa bɔ no ma owu a, okum na wonkum nea ɔbɔɔ no no; ɔyɛ owudifo: mogya ho werefo, sɛ ɔto owudifo no a, onkum no.


Na sɛ obi tan ne yɔnko, na ɔtɛw no, tow hyɛ no so, na ɔbɔ no ade ma owu, na oguan kɔ nkurow yi biako mu a,


ɛnne ne kurom mpanyimfo nsoma mma wɔnkɔfa no mfi hɔ, na wɔmfa no nhyɛ mogya ho werefo no nsa, na onwu.


Enti di no nyansa so, na mma ne dwen mmfa asomdwoe mu nnsian nnkɔ asaman.


Na Ahasia ne na Atalia hui sɛ ne ba awu no, ɔsɔree na okunkum ahenni no asefo nyinaa.


Na ne nkoa pam ne tiri so kum no ne fi.


Na asase no sofo no kunkum ɔhene Amon tirisopamfo no nyinaa, na asase no sofo no de ne ba Yosia sii hene sii n’anan mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan