Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 8:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na Onyankopɔn kaee Noa ne mmoadoma nyinaa ne ntɔteboa a wɔne no wɔ adaka no mu no nyinaa, na Onyankopɔn maa mframa bɔ faa asase so, na nsu no ano brɛɛ ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na Onyankopɔn kaee Noa ne mmoadoma nyinaa ne ntɔteboa nyinaa a wɔne no wɔ adaka no mu nyinaa. Na Onyankopɔn maa mframa bɔ faa asase so, na nsuo no ano brɛɛ ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Nanso Onyankopɔn kaee Noa ne wuram mmoa a na wɔne no wɔ Adaka no mu no, na ɔmaa mframa bɔ faa asase so, na nsu no twee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na Onyankopɔn kaee Noa ne mmoadoma nyinaa ne ntɔteboa nyinaa a wɔne no wɔ adaka no mu nyinaa. Na Onyankopɔn maa mframa bɔ faa asase so, na nsuo no ano brɛɛ ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Nanso, Onyankopɔn kaee Noa ne wiram mmoa a na wɔne no wɔ adaka no mu no. Onyankopɔn maa mframa bɔ faa asase so, na nsuo no tweeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na Onyankopɔn kaee Noa ne mmoadoma nyinaa ne ntɔteboa a wɔne no wɔ adaka no mu no nyinaa, na Onyankopɔn maa mframa bɔ faa asase so, na nsu no ano brɛɛ ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 8:1
35 Iomraidhean Croise  

Na Onyankopɔn sɛee dantaban no nkurow no no, Onyankopɔn kaee Abraham, na ogyee Lot fii butuw a obutuw nkurow a Lot te mu no mu.


Na Onyankopɔn kaee Rahel, na Onyankopɔn tiee no, na obuee ne yam.


ne akra a ɛtete ase a ɛka mo ho nyinaa, nnomaa, ntɔteboa ne asase so mmoadoma a wɔne mo wɔ hɔ nyinaa, wɔn a efi adaka no mu nyinaa, asase so mmoadoma nyinaa.


Me Nyankopɔn, kae me, eyi ho, na mpopa m’adɔe a mayɛ mama me Nyankopɔn fi ne ne som adwuma no.


Na misee Lewifo no sɛ wonnwira wɔn ho na wɔmmra mmɛhwɛ apon no ano, na wɔnyɛ homeda no kronkron. Eyi ho nso kae me, me Nyankopɔn, na kora me so sɛ w’adɔe bebree no te.


Kae wɔn, me Nyankopɔn, sɛ wɔahura asɔfodi ho ne asɔfodi ne Lewifo apam no ho.


Mehyehyɛɛ bere a ɛsɛ sɛ wɔde nnyina afɔrebɔ ne bere a wɔde aduankan de ba. O me Nyankopɔn, kae me ma ensi me yiye.


Hwɛ, osianka nsu ma ɛyow, nanso ogyaa mu ma ebutuw asase.


Oo, sɛ wode me sie asaman ɛ, sɛ wode me hintaw kosi sɛ w’abufuw bɛsan akɔ ɛ, sɛ wohyɛ me da na wokae me ɛ!


Na ɔkaee n’asɛm kronkron no, ɔkaee n’akoa Abraham,


AWURADE, wo man ho anisɔ no mu, kae me, wo nkwagye mu, bɛhwɛ me,


AWURADE akae yɛn, obehyira yɛn, obehyira Israel fi, obehyira Aaron fi,


AWURADE, kae Dawid brɛ ne ne bɔhyɛ nyinaa,


Nea ɔkaee yɛn yɛn ahobrɛase mu, na n’adɔe wɔ hɔ daa.


O, AWURADE, kae Yerusalem da no ma Edom mma, sɛ wosee sɛ: Munnwiriw, munnwiriw nkosi ne nhyɛase so!


AWURADE tenaa nsu a ayiri so, na AWURADE bɛtena hɔ sɛ ɔhene daa.


Wo trenee te sɛ Onyankopɔn mmepɔw, w’atemmu te sɛ ebun a emu dɔ. AWURADE, wugye nnipa ne mmoa nkwa.


Na Mose teɛɛ ne nsa ɛpo no so. Na AWURADE de apuei mframa dennen maa ɛpo no kɔe anadwo no nyinaa, na ɔdan po no ma ɛyɛɛ asase kesee, na nsu no mu bae.


Wode wo mframa huwii, ɛpo no kataa wɔn so; wɔmemee sɛ sumpii wɔ nsu kɛse no mu.


Na Onyankopɔn tee wɔn apinisi no, na Onyankopɔn kaee n'apam a ɔne Abraham ne Isak ne Yakob pamee no.


Atifi fam mframa wo osu, na ntwiri tɛkrɛma wo abufunim.


Nea ɔka kyerɛ ebun sɛ: Yow, na mɛma wo nsuten ayoyow.


ɔyow wɔ ne nsu so na ayoyow, efisɛ ɛyɛ ahoni asase, na wɔbobɔ abosom a ɛyɛ hu ho dam.


AWURADE aka Yakob ahokyerɛ ntam sɛ: Me werɛ remfi wɔn nneyɛe nyinaa da biara da!


Na me de, Niniwe kurow kɛse a nnipa bɛboro ɔpeha aduonu a wonnim nifa ne benkum ne afieboa pii nso wɔ mu no de, renyɛ me yaw anaa?


Ɔteɛteɛ ɛpo ma ɛyow, na ɔma nsuten nyinaa mem; Basan ne Karmel twintwam, Lebanon nhwiren nso twintwam;


AWURADE, mate wo nka na masuro; AWURADE, kanyan w’adwuma no wɔ yɛn bere yi mu, bere yi mu, na ma wonhu; w’abufuhyew mu kae wo mmɔborohunu.


Na ɔbɛfa ahohia po no mu, na waboro ɛpo mu asorɔkye, na asu Nil mu abon nyinaa ayoyow; na Asaria ahantan no bɛbrɛ ase, na Misraim ahoɔden befi akɔ.


Na sɛ morekɔ ɔsa mo asase so ne ahohiafo a wohiahia mo ho akɔko a, ɛnne momfa ntorobɛnto nhyɛn osebɔ, na wɔnkae mo, AWURADE mo Nyankopɔn anim, na wonnye mo nkwa, mo atamfo no nsam.


Na AWURADE bɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn nti na wobɔɔ w'afurum no mpɛn abiɛsa yi? Hwɛ, maba sɛ merebesiw wo kwan, efisɛ wo kwan nteɛ wɔ m'anim;


Na kurow kɛse no mu paee afaafa abiɛsa, na amanaman nkurow hwehwee ase, na wɔkaee Babel kɛse no, Onyankopɔn anim, sɛ wɔbɛma no n’abufuw a emu yɛ den no nsa kuruwa.


Efisɛ ne nneyɛe bɔne atoatoa abedu soro, na Onyankopɔn akae n’amumɔyɛ.


Na wɔsɔree anɔpatutu kɔsɔree wɔ AWURADE anim, na wɔsan baa wɔn fi wɔ Rama. Na Elkana ne ne yere Hana dae, na AWURADE kaee no;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan