Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 7:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Na nsu a ɛrebeyiri no nti, Noa ne ne mma ne ne yere ne ne mma yerenom kɔɔ adaka no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Nsuo a na ɛrebɛyire no nti, Noa ne ne mma, ne ne yere, ne ne mma yerenom kɔɔ adaka no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Noa ne ne mmabarima ne ne yere ne ne nsenom mmea kɔhyɛɛ adaka no mu sɛnea ɛbɛyɛ a nsuyiri no renka wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Nsuo a na ɛrebɛyire no nti, Noa ne ne mma, ne ne yere, ne ne mma yerenom kɔɔ adaka no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Noa ne ne mmammarima ne ne yere ne ne nsenom mmaa kɔhyɛɛ adaka no mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nsuyire no renka wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na nsu a ɛrebeyiri no nti, Noa ne ne mma ne ne yere ne ne mma yerenom kɔɔ adaka no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 7:7
10 Iomraidhean Croise  

Na me ne wo bɛpam ato hɔ, na woakɔ adaka no mu, wo, ne wo mma, ne wo yere, ne wo mma yerenom.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Noa sɛ: Wo ne wo fi nyinaa, monkɔ adaka no mu, efisɛ wo na mahu wo ɔtreneeni m'anim bere yi mu.


Onitefo hu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hintaw, na ntetekwaa fa mu, na wonya asotwe.


Na sɛnea nna a edi nsuyiri anim no mu no wodidii na wɔnomee, wɔwaree na wɔmaa aware, de kosii da a Noa hyɛn adaka no mu,


Wodidii, wɔnomee, wɔwaree yerenom na wɔmaa aware de kosii da a Noa hyɛn adaka no mu, na nsuyiri no bae, na ɛbɛsɛee wɔn nyinaa.


Gyidi na nea wonnya nhui ho nsɛm baa Noa nkyɛn no, ɔde daa ne ho so siesiee adaka maa ne fi nkwagye, ɛno so na ɔnam buu wiase fɔ, na ɔyɛɛ gyidi ho trenee ɔdedifo.


na yɛafa ade abien a ɛnsakra a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn ntumi nni atoro wɔ biribiara mu no so anya awerɛhyɛm a emu yɛ den, yɛn a yɛaguan repɛ hintabea no bɛsɔ anidaso a ɛda yɛn anim no mu.


a tete no wɔyɛ asoɔdenfo, ɛbere a Onyankopɔn abodwokyɛre twɛnee, Noa nna a wɔreyɛ adaka no mu. Emu na akra kakraa a wosi baawɔtwe nyaa nkwa nsu no mu.


na sɛ wankora tete wiase no, na mmom Noa a ɔyɛ trenee sɛnkafo ne nnipa baasɔn a wɔka ne ho na ogyee wɔn na ɔde nsuyiri bɛkataa amumɔyɛfo wiase so no,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan