Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 7:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Efisɛ aka ɛha nnansɔn na matɔ osu magu asase so adaduanan awia ne anadwo, na mapopa ade a nkwa wom nyinaa afi asase ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Ɛfiri sɛ aka nnanson na matɔ osuo agu asase so adaduanan awia ne anadwo, na mapepa adeɛ a nkwa wɔ mu a mayɛ nyinaa afiri asase ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Nnanson akyi no mɛma osu atɔ wɔ asase so awia ne anadwo adaduanan. Mɛpepa abɔde biara a nkwa wɔ mu a mabɔ afi asase so.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Ɛfiri sɛ aka nnanson na matɔ osuo agu asase so adaduanan awia ne anadwo, na mapepa adeɛ a nkwa wɔ mu a mayɛ nyinaa afiri asase ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Nnanson sɛ ɛnnɛ pɛpɛɛpɛ, mɛma osuo atɔ asase so awia ne anadwo adaduanan. Mɛpepa abɔdeɛ biara a nkwa wɔ mu a mabɔ afiri asase so.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Efisɛ aka ɛha nnansɔn na matɔ osu magu asase so adaduanan awia ne anadwo, na mapopa ade a nkwa wom nyinaa afi asase ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 7:4
23 Iomraidhean Croise  

Na afuw mu nnua nyinaa nnya mmaa asase so, na afuw mu nhaban nyinaa nnya mfifii, efisɛ AWURADE Nyankopɔn nnya ntɔɔ osu nguu asase so ɛ, na onipa a ɔbɛdɔw asase nni hɔ.


Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ: Abɔde nyinaa awiei aba wɔ m'anim, efisɛ wɔn awurukasɛm ahyɛ asase so ma, na hwɛ, mɛsɛe wɔn ne asase.


Na hwɛ, mede nsuyiri mɛba asase so mabɛsɛe abɔde a nkwa home wɔ mu nyinaa ɔsoro ase; asase so ade nyinaa rebewuwu.


Na AWURADE kae sɛ: Me honhom rentena onipa mu nkosi daa, efisɛ wɔyɛ ɔhonam, enti wɔn nna nyɛ mfe ɔha aduonu.


Na AWURADE kae sɛ: Mɛpopa nnipa a mabɔ wɔn no mafi asase ani, efi onipa so kosi ntɔteboa ne mmoa a wɔwea ne wim nnomaa so, efisɛ manu me ho sɛ meyɛɛ wɔn.


Na nnansɔn akyi no, nsuyiri baa asase so.


Na osu tɔɔ asase so pii adaduanan awia ne anadwo.


Na nsuyiri no baa asase so adaduanan, na nsu no tɔe, na ɛsoaa adaka no, na ɛmaa so fii asase so.


wim nnomaa mu nso, ason asɔn, anini ne abere, na wɔn ase nnya nkwa asase nyinaa ani.


Na ɔtwɛn nnansɔn bio, na ɔsomaa aborɔnoma fii adaka no mu bio.


Na ɔtwɛn nnansɔn bio, na ɔsomaa aborɔnoma no; na wansan amma ne nkyɛn bio.


Na ebun no nsu aniwa sisiwii, na ɔsoro mfɛnsere mu totoe, na osu a efi soro no gyaee tɔ.


Wɔn a wɔpraa wɔn kɔe ansa na ɛbere dui, na wɔn nnyinaso sen kɔe sɛ nsuyiri no.


Ɔhyɛɛ mframa duru too hɔ, na ɔhyɛɛ nsu sɛ ne nsusuwii te no,


Ma wonyi wɔn mfi ateasefo nhoma mu, na mma wɔnnkyerɛw wɔne treneefo din mmmom.


Ɛno nti, sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, meretu wo mafi asase ani: Afe yi na wubewu, efisɛ woaka atuatew ahyɛ AWURADE.


Na me nso mekamee mo osutɔ asram abiɛsa a edi otwa anim no mu, na metɔɔ osu guu kurow biako so, na mantɔ bi angu kurow biako so; afuw biako nyaa osu, na afuw a ebi antɔ angu so no hyewee;


Nea odi nkonim no na wɔbɛhyɛ no atade fitaa saa, na merempopa ne din mfi nkwa nhoma no mu, na mɛbɔ ne din m’agya ne n’abɔfo anim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan