Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 7:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Noa nkwa mu afe a ɛto so ahansia mu, ɔsram a ɛto so abien so, ɔsram no dadu nnansɔn so, da no ara ebun kɛse no nsu aniwa nyinaa paepaee, na ɔsoro mfɛnsere buebuei.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Noa dii mfirinhyia ahansia no, bosome a ɛtɔ so mmienu no dadu nnanson soɔ, da no ara, ebunu kɛseɛ no nsuo ani nyinaa paepaee, na ɔsoro mpomma buebuee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Noa dii mfe ahansia no mu no, ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so dunson no, nsuti a ɛwɔ asase mu no nyinaa bobɔe, na ɔsoro mfɛnsere nso buebuei.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

11 Noa dii mfirinhyia ahansia no, bosome a ɛtɔ so mmienu no dadu nnanson soɔ, da no ara, ebunu kɛseɛ no nsuo ani nyinaa paepaee, na ɔsoro mpomma buebuee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Noa dii mfeɛ ahansia no mu no, bosome a ɛtɔ so mmienu no ɛda a ɛtɔ so dunson no, nsutire a ɛwɔ asase mu no nyinaa bobɔeɛ, na ɛsoro mpomma nso buebueeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Noa nkwa mu afe a ɛto so ahansia mu, ɔsram a ɛto so abien so, ɔsram no dadu nnansɔn so, da no ara ebun kɛse no nsu aniwa nyinaa paepaee, na ɔsoro mfɛnsere buebuei.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 7:11
27 Iomraidhean Croise  

Na Onyankopɔn yɛɛ ahun mu ntrɛwmu, na ɔpaee nsu a ɛwɔ ntrɛwmu no ase ne nsu a ɛwɔ ntrɛwmu no so no mu. Na ɛyɛɛ sa.


Na hwɛ, mede nsuyiri mɛba asase so mabɛsɛe abɔde a nkwa home wɔ mu nyinaa ɔsoro ase; asase so ade nyinaa rebewuwu.


Na nsuyiri no baa asase so na Noa adi mfirihyia ahansia.


Ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so aduonu ason no na asase so awo koraa.


Na ebun no nsu aniwa sisiwii, na ɔsoro mfɛnsere mu totoe, na osu a efi soro no gyaee tɔ.


Na ɔsafohene no buaa Onyankopɔn nipa no sɛ: Na hwɛ, sɛ AWURADE reyɛ mfɛnsere ɔsoro po a, so ɛbɛba saa anaa? Na ose: Hwɛ, wo de, wode w’aniwa behu, nanso worenni bi.


Ɛnna okunini a ɔhene tweri ne nsa so no buaa Onyankopɔn nipa no sɛ: Hwɛ, sɛ AWURADE reyɛ mfɛnsere ɔsoro po a, so saa asɛm yi bɛbam anaa? Na ose: Wo ara wode w’aniwa behu, nanso worenni bi.


Hwɛ, osianka nsu ma ɛyow, nanso ogyaa mu ma ebutuw asase.


Wotu nkron nea obi nte hɔ, anammɔn a etwam werɛ fi no, ɔsensɛn hɔ, wodi ahim nea ɔdesani bi nni hɔ.


So woakɔ po aniwa ho, na woanantew bun donkudonku ase?


Hena na ɔde nyansa kenkan amununkum, na ɔsoro nkotoku no, hena na ɔdan no


Ɔka po nsu boa ano kuw, ɔde ebun sie nea ɛhɔ dɔ.


Wo na wuyii nsu aniwa ne asubɔnten, womaa asukɛse a ɛsen daa yowee.


ne nimdeɛ so na abun mu nsu paee, na amununkum sosɔ obosu.


na nea oguan fi ehu nkate ho no kɔtɔ oku mu, na nea waforo afi oku no mu no, wɔde afiri yi no. Na wohiɛhiɛ soro mfɛnsere ma asase nnyinaso wosowosow.


Oburuw na asase buruw pasaa, ɔpae na asase pae, ɔpopo na asase popo.


So munsuro me? AWURADE asɛm ni; anaasɛ mo bo ntu m’anim? Me a mede anwea mitwa po ano hye, daa ɔhye a entumi ntra; na sɛ mpo n’asorɔkye bɔ a, entumi no, na sɛ ehuru sɛ dɛn ara a, entumi ntra.


Sɛ ɔkasa a, nsu dodow ba soro, na ɔma suwusiw tu fi asase ano noho. Ɔyɛ anyinam, ka osu ho, otu mframa fi n’adekorabea hɔnom.


Na sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Sɛ meyɛ wo akurofo sɛ nkurow a wɔntena mu bio, sɛ mede obun meba wo so ma nsu bebree abɛkata wo so,


Momfa ntotoso du du no nyinaa mmra adekora dan mu, na aduan ntena me fi. Na momfa eyi nsɔ me nhwɛ ɛ, asafo Awurade na ose, sɛ meremmue ɔsoro mfɛnsere memma mo, na merenhwie nhyira memma mo mma ɛmmoro so anaa?


Na sɛnea nna a edi nsuyiri anim no mu no wodidii na wɔnomee, wɔwaree na wɔmaa aware, de kosii da a Noa hyɛn adaka no mu,


Na bere a wɔbɛka se: Yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ, no, ɛnne mpofirim na ɔsɛe bɛba wɔn so sɛ awoko ba ɔbea a ɔyem so, na wɔrennya ɔkwan nguan.


Wɔn so ara na ɛnam na nsu yirii sɛe wiase a na ɛwɔ hɔ wɔn bere so no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan