Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 5:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na Adam woo Set no akyi no odii mfirihyia ahanwɔtwe, na ɔwoo mmammarima ne mmabea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na Adam woo Set no akyiri no, ɔdii mfirinhyia ahanwɔtwe, na emu no ɔsane woo mmammarima ne mmammaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Ɔwoo Set no, Adam tenaa ase mfe ahanwɔtwe a ɔwowoo mmabarima ne mmabea kaa ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Na Adam woo Set no akyiri no, ɔdii mfirinhyia ahanwɔtwe, na emu no ɔsane woo mmammarima ne mmammaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ɔwoo Set no, Adam tenaa ase mfeɛ aha nwɔtwe a, ɔwowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na Adam woo Set no akyi no odii mfirihyia ahanwɔtwe, na ɔwoo mmammarima ne mmabea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 5:4
17 Iomraidhean Croise  

Na Onyankopɔn hyiraa wɔn, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monwo, na monnɔre, na monyɛ asase so ma, na monni so tumi, na munni ɛpo mu mpataa ne wim nnomaa ne mmoa a wɔkeka wɔn ho wɔ asase so nyinaa so.


Na Arfaksad dii mfirihyia aduasa anum na ɔwoo Sela.


Na Enos woo Kenan no akyi no, odii mfe ahanwɔtwe ne dunum, na ɔwoo mmammarima ne mmabea.


Na Kenan woo Mahalaleel no akyi no, odii mfe ahanwɔtwe aduanan, na ɔwoo mmammarima ne mmabea.


Na Yared woo Enok akyi no, odii mfe ahanwɔtwe, na ɔwoo mmammarima ne mmabea.


Na Enok woo Metusela no akyi no, ɔne Nyankopɔn nantewee mfirihyia ahasa, na ɔsan woo mmammarima ne mmabea.


Na Metusela woo Lamek no akyi no, odii mfe ahansɔn aduɔwɔtwe abien, na ɔwoo mmammarima ne mmabea.


Na Adam dii mfirihyia ɔha aduasa na ɔwoo babarima wɔ ne sɛso so sɛ ne suban so, na ɔtoo no din Set.


Na Lamek woo Noa no akyi no, odii mfe ahanum aduɔkron anum, na ɔsan woo mmammarima ne mmabea.


Na Adam nna a odii nyinaa si mfe ahankron aduasa, na owui.


Na Set woo Enos no akyi no, odii mfe ahanwɔtwe ne asɔn, na ɔwoo mmammarima ne mmabea.


Na Onyankopɔn hyiraa Noa ne ne mma, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ Monwo na monnɔɔso, na monhyɛ asase so ma.


Na mo de, monwo na monnɔ, na monyɛ asase so manyamanya, na monnɔɔso wɔ so.


Hwɛ, mma yɛ agyapade a efi AWURADE hɔ, na yafunu mu aba yɛ akatua.


Na yɛn mmabanin ayɛ sɛ tɛ nnua a anyin yiye, wɔn mmerantebere mu, na yɛn mmabea ayɛ sɛ twea so adum a wɔasen no sɛ ahemfi de.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan