Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 4:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na Habel nso de ne nguan mu mmakan ne wɔn a wɔadɔ no bi bɛmae. Na AWURADE ani sɔɔ Habel ne n'ayɛyɛde no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na Habel nso de ne nnwan mu mmakan ne wɔn a wɔadɔre no bi bɛmae. Na AWURADE ani sɔɔ Habel ne n’ayɛyɛdeɛ no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Habel nso de ne nyɛmmoa no mu mmakan a wɔadodɔ srade kɔbɔɔ Onyankopɔn afɔre. Awurade ani sɔɔ Habel afɔrebɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Na Habel nso de ne nnwan mu mmakan ne wɔn a wɔadɔre no bi bɛmae. Na AWURADE ani sɔɔ Habel ne n’afɔrebɔdeɛ no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Habel nso de ne nyɛmmoa no mu mmakan a wɔadɔre sradeɛ kɔbɔɔ Onyankopɔn afɔdeɛ. Awurade ani sɔɔ Habel afɔrebɔdeɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na Habel nso de ne nguan mu mmakan ne wɔn a wɔadɔ no bi bɛmae. Na AWURADE ani sɔɔ Habel ne n'ayɛyɛde no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 4:4
22 Iomraidhean Croise  

Na owia tɔe na esum kusuu durui no, hwɛ, biribi a ɛte se gyaframa a efi wusiw ne gyatɛn a ɛdɛw bɛfaa afaafa no ntam.


Na ɛbae sɛ nna bi akyi no, Kain de afum nneɛma bɛyɛɛ AWURADE ayɛ.


Na mommɔ mo nyame din, na me nso memmɔ AWURADE din, na onyame a ɔde ogya begye so no, ɔno ne Nyankopɔn. Na ɔman no nyinaa gyee so sɛ: Ɔsɛmpa!


Ɛnna AWURADE gya duru bɛhyew ɔhyew afɔre no ne nnyina no ne abo ne dɔte no, na ɛyow nsu a ɛwɔ ɔka no mu no.


Na Dawid sii hɔ afɔremuka maa AWURADE, na ɔbɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre. Na ɔfrɛɛ AWURADE no, ɔde ogya fii soro gyee no so ɔhyew afɔremuka no so.


Na Solomon wiee mpaebɔ no, ogya fi soro bɛhyew ɔhyew afɔre ne okum afɔre no, na AWURADE anuonyam bɛyɛɛ asɔredan no ma.


Ɔnkae w’aduan afɔre nyinaa, na wo hyew afɔre nsɔ n’ani. Sela


yi ade biara a ebue yafunu ano ma AWURADE, na w'afieboa a wowɔ no mma nyinaa a wobue yafunu ano a wɔyɛ anini, fa ma AWURADE.


Fa w’ahonyade hyɛ AWURADE anuonyam, ne wo nnɔbae mu adekan nyinaa;


Na mihuu ɔbrɛ nyinaa ne adwumayɛ mu yiyedi nyinaa nso, sɛ ɛno ho na obi ne ne yɔnko twe ninkunu. Eyi nso yɛ ahuhude ne ɔdadwen hunu.


Na ogya fii AWURADE anim bɛhyew afɔremuka no so ɔhyew afɔre ne srade no. Na ɔman no nyinaa hui, na wɔde anigye huroe, na wɔde wɔn anim butubutuw fam.


Ɛnna Mose bo fuwii pii, na ɔka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Nnan w'ani nkyerɛ wɔn aduan afɔre. Minnyee wɔn nsam afurum biako po ɛ, nanso menyɛɛ wɔn mu biara bɔne bi ɛ.


Na ogya fii AWURADE nkyɛn bɛhyew mmarima ahanu aduonum a wɔde aduhuam no bae no.


Ngo foforo mu nea eye koraa no nyinaa ne nsa foforo ne awi mu nea eye koraa no nyinaa, emu adekan a wɔde ma AWURADE no, wo na wɔde ama wo.


Na nantwi abakan anaa oguanten abakan anaa abirekyi abakan de, mma wonnnye: wɔyɛ kronkron; fa wɔn mogya pete afɔremuka no so na hyew wɔn srade ma ɛnyɛ ogya afɔre a eyi hua huamhuam ma AWURADE.


Gyidi na Habel de bɔɔ afɔre a ɛso kyɛn Kain de maa Onyankopɔn. Ɛno so na ɔnam nyaa adanse sɛ ɔteɛ, efisɛ Onyankopɔn dii n’ayɛyɛde ho adanse, na ɛno so na ɔnam wui a ɔda so kasa.


Ampa ara, wɔde mogya na ɛtew nneɛma nyinaa ho, sɛnea mmara no te, na mogya angu a, bɔnefakyɛ nni hɔ.


Na wɔn a wɔte asase so nyinaa bɛkotow no, wɔn a wɔamfi wiase asehyɛ ankyerɛw wɔn din oguammaa a wokum no no nkwa nhoma mu no.


Ɛnna AWURADE bɔfo no teɛɛ poma a ekura no no de ano kaa nam ne apiti no, na ogya fi ɔbo no mu bɛhyew nam ne apiti no. Na AWURADE bɔfo no fii n’anim kɔe.


Na Samuel kae sɛ: So AWURADE pɛ ɔhyew afɔre ne okum afɔre sɛ otie a wotie AWURADE anaa? Hwɛ, osetie ye sen afɔre, na asoyɛ kyɛn adwennini srade.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan