Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 3:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na ɔwɔ no ka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: Ɛnyɛ owu na mubewu:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na ɔwɔ no ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: Ɛnyɛ wuo na mobɛwuo;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Na ɔwɔ no ka kyerɛɛ ɔbea no se, “Morenwuwu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Na ɔwɔ no ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: Ɛnyɛ wuo na mobɛwuo;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Na ɔwɔ no ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ, “Morenwuwu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na ɔwɔ no ka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: Ɛnyɛ owu na mubewu:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 3:4
13 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: Ɛdɛn nti na woyɛɛ saa? Na ɔbea no se: Ɔwɔ no na ɔdaadaa me na midii.


nanso dua a esi turo no mfinimfini no aba de, Onyankopɔn aka sɛ: Munnni bi, nso mommfa mo nsa nnka, na moanwu.


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Esiane sɛ woasoma abɔfo sɛ wonkobisa Ekron nyame Baalsebub hɔ ade, te sɛnea Onyame bi nni Israel a wokobisa no asɛm nti, mpa a woaforo no, woremfi so nsian, na owu na wubewu.


Enti AWURADE se: Mpa a woaforo no, woremfi so nsian, na owu na wubewu! Na Elia kɔe.


Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbarima bi foro behyiaa yɛn, na ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ: Monsan nkɔ ɔhene a ɔsomaa mo no nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: So onyame bi nni Israel nti na woasoma rekɔ Ekron nyame Baalsebub hɔ adebisa yi? Enti mpa a woaforo no, woremfi so nsian, na owu na wubewu.


Na Elisa ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ kɔka kyerɛ no sɛ: Nkwa de, wubenya, nanso AWURADE akyerɛ me sɛ obewu ara.


Na ose: Mefi makɔyɛ atoro honhom n’adiyifo nyinaa anom. Na ɔkae sɛ: Wobɛdaadaa no, na wubetumi nso, fi kɔ na kɔyɛ sa.


Ose ne komam sɛ: Onyankopɔn werɛ afi, ɔde n’ani ahintaw, ɔrenhu ara da.


Mo de, mo agya a mufi no mu ne ɔbonsam, na mo agya no akɔnnɔde na mopɛ sɛ moyɛ. Ɔno na ɔyɛ owudifo fi mfiase, na onnyina nokware so; efisɛ nokware nni no mu. Sɛ ɔka atosɛm a, efi n’ankasa mu na ɔka; efisɛ ɔyɛ ɔtorofo ne atoro agya.


Nanso misuro sɛ ebia, sɛnea ɔwɔ no de n’anitew bɛdaadaa Hawa no, saa ara nso na wɔbɛsɛe mo adwene afi Kristo fam ahofama no ho.


na Satan anni yɛn amim; efisɛ yenim n’akwan.


na sɛ ɔte nsew yi mu nsɛm no a, wanhyira ne ho ne koma mu anka sɛ: Menam me koma denyɛ mu de, nanso menya asomdwoe; na wɔansesaw nea wanom ne nea osukɔm de no ammom.


Na ɛnyɛ Adam na wɔdaadaa no, na ɔbea no na wɔdaadaa no a ɔkɔtoo mmara;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan