Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 3:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔwɔ yɛ anifere kyɛn wuram mmoadoma a AWURADE Nyankopɔn yɛɛ wɔn nyinaa. Na obisaa ɔbea no sɛ: Ampa sɛ Nyankopɔn aka sɛ Munnni turom ha nnua nyinaa bi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na ɔwɔ yɛ aniteɛ kyɛne wiram mmoadoma a AWURADE Nyankopɔn yɛɛ wɔn nyinaa. Na ɔbisaa ɔbaa no sɛ: Ampa ara sɛ Onyankopɔn aka akyerɛ mo sɛ: Monnni turom ha nnua nyinaa bi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Na ɔwɔ yɛ ɔdaadaafo wɔ wuram mmoadoma a Awurade Nyankopɔn abɔ wɔn no nyinaa mu. Ɔwɔ no kɔɔ ɔbea no nkyɛn kobisaa no se, “Enti ɛyɛ ampa ara sɛ, Onyankopɔn se, ‘Munnni turo yi mu aduaba biara?’ ”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na ɔwɔ yɛ aniteɛ kyɛne wiram mmoadoma a AWURADE Nyankopɔn yɛɛ wɔn nyinaa. Na ɔbisaa ɔbaa no sɛ: Ampa ara sɛ Onyankopɔn aka akyerɛ mo sɛ: Monnni turom ha nnua nyinaa bi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Na ɔwɔ yɛ ɔdaadaafoɔ wɔ wiram mmoadoma a Awurade Onyankopɔn abɔ wɔn no nyinaa mu. Ɔwɔ no kɔɔ ɔbaa no nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Enti, ɛyɛ ampa ara sɛ, Onyankopɔn se, ‘Monnni turo yi mu aduaba biara?’ ”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔwɔ yɛ anifere kyɛn wuram mmoadoma a AWURADE Nyankopɔn yɛɛ wɔn nyinaa. Na obisaa ɔbea no sɛ: Ampa sɛ Nyankopɔn aka sɛ Munnni turom ha nnua nyinaa bi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 3:1
14 Iomraidhean Croise  

na sɛ wɔhwe ase a, obiako bɛma ne yɔnko so, na obiakofo a ɔhwe ase a obi nka ne ho mma no so nnue.


Ɛda no na AWURADE de n’afoa dennen a ɛso na ɛyɛ den no bɛtwe asuboa a ɔyɛ ɔwɔ a ne ho yɛ hare, asuboa a ɔyɛ ɔwɔ a ɔpompono no aso, na wakum po mu ɔtweaseɛ kɛse no.


Hwɛ, meresoma mo sɛ nguan akɔ mpataku mfinimfini; enti monyɛ anitew sɛ awɔ, na monyɛ bɔkɔɔ sɛ mmorɔnoma.


Na ɔsɔhwɛfo no baa ne nkyɛn besee no sɛ: Sɛ wone Onyankopɔn Ba no a, ka na abo yi nnan abodoo.


na osee no sɛ: Sɛ wone Onyankopɔn Ba no a, tow wo ho kyene fam; na wɔakyerɛw sɛ: Wo nti ɔbɛhyɛ n’abɔfo, na wɔabɛsoa wo wɔn nsam, na woamfa wo nan ampem ɔbo.


na osee no sɛ: Sɛ wobɛkotow asɔre me a, anka mede eyinom nyinaa bɛma wo.


Na ɛnyɛ nwonwa; efisɛ Satan ankasa po dan ne ho sɛ hann bɔfo.


Nanso misuro sɛ ebia, sɛnea ɔwɔ no de n’anitew bɛdaadaa Hawa no, saa ara nso na wɔbɛsɛe mo adwene afi Kristo fam ahofama no ho.


Okununom, mo ne wɔn ntena nimdeɛ mu saa ara, sɛ ɔyere ne ade a ne ho nyɛ den, na munni wɔn ni, sɛ wɔn nso ne mo yɛ nkwa dom no adedifo bi, na mo mpaebɔ kwan ansiw.


Na ɔwɔ no puw n’anom nsu te sɛ asubɔnten guu ɔbea no akyi, sɛ anka ɛmfa no.


Na wotuu ɔtweaseɛ kɛse no, ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no ɔbonsam ne Satan, nea ɔdaadaa amanaman nyinaa no, fii hɔ tow no kyenee asase so, na wɔtow n’abɔfo kaa ne ho gui.


Na ɔkyeree ɔtweaseɛ, ɔwɔ dedaw a ɔne bonsam no, kyekyeree no mfirihyia apem,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan