Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 26:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na mɛma w'asefo adɔ sɛ ɔsoro nsoromma, na mede nsaase yi nyinaa mama w'asefo, na w'asefo mu na wobehyira asase so amanaman nyinaa,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na mɛma w’asefoɔ adɔre sɛ ɔsoro nsoromma, na mede nsase yi nyinaa bɛma w’asefoɔ, na w’asefoɔ mu na wɔbɛhyira asase so amanaman nyinaa,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Mɛma wʼasefo adɔɔso te sɛ nsoromma a ɛwɔ soro, na mede saa nsase yi nyinaa ama wɔn. Ɛnam wʼasefo so na wobehyira wiase aman ahorow nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Na mɛma w’asefoɔ adɔre sɛ ɔsoro nsoromma, na mede nsase yi nyinaa bɛma w’asefoɔ, na w’asefoɔ mu na wɔbɛhyira asase so amanaman nyinaa,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Mɛma wʼasefoɔ adɔɔso te sɛ nsoromma a ɛwɔ soro, na mede saa nsase yi nyinaa ama wɔn. Ɛnam wʼasefoɔ so na wɔbɛhyira ewiase aman ahodoɔ nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na mɛma w'asefo adɔ sɛ ɔsoro nsoromma, na mede nsaase yi nyinaa mama w'asefo, na w'asefo mu na wobehyira asase so amanaman nyinaa,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 26:4
22 Iomraidhean Croise  

Na mɛma w'asefo adɔɔso sɛ asase so mfutuma, na sɛ obi tumi kan asase so mfutuma a, ɛnne na obetumi akan w'asefo nso.


Da no ara na AWURADE ne Abram pamee sɛ: W'asefo na mede asase yi mama wɔn, efi Misraim asubɔnten ho de kosi asubɔnten kɛse, Eufrate asubɔnten, no so:


Na ɔde no fii adi kae sɛ: Hwɛ ɔsoro ɛ, na kan nsoromma sɛ wubetumi akan anaa? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ w'asefo bɛyɛ nen.


Efisɛ ampa ara, Abraham bɛyɛ ɔman a ɛso na ɛwɔ tumi, na ne mu na wobehyira wiase aman nyinaa.


Na Awurade yii ne ho kyerɛɛ no anadwo no ara kae sɛ: Mene w'agya Abraham Nyankopɔn, nsuro, na medi w'akyi mehyira wo, na m'akoa Abraham nti mɛma w'asefo adɔ.


Na w'asefo bɛyɛ sɛ asase so mfutuma, na woatrɛw akɔ atɔe ne apuei, atifi fam ne anafo fam, na wo ne w'asefo mu na wobehyira wiase mmusuakuw nyinaa.


Na Onyankopɔn Tweaduampɔn nhyira wo, na ɔmma wonnɔ, na ɔmma wonyɛ bebree, na woayɛ aman asafo;


Na asase a mede mama Abraham ne Isak no, wo na mede mɛma wo; na w'asefo a wobedi w'akyi no na mede asase no mɛma wɔn.


Na Israel tenaa Misraim asase a ɛwɔ Gosen no so, na wonyaa mu ade, wɔdɔe, na wɔn ase fɛee sɛ.


Na Dawid ammu wɔn a wɔadi mfirihyia aduonu ne wɔn a wonnii no ano, efisɛ AWURADE aka sɛ ɔbɛma Israel adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma.


Ne din bɛtena hɔ daa, na owia wɔ hɔ yi, ne din asi so, na nnipa de no ahyira wɔn ho, na amanaman nyinaa ahyira no.


Kae Abraham, Isak ne Israel, wo nkoa a wokaa wɔn wo ankasa wo ntam ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mɛma w'asefo adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma, na asase a maka ho asɛm yi nyinaa, mede mɛma w'asefo na wɔadi so akosi daa, no.


Nanso mama m'apam a me ne wɔn pamee no agyina, sɛ mede Kanaan asase a ɛyɛ wɔn ahɔhobea asase a wɔyɛɛ so ahɔho no mɛma wɔn.


Mone adiyifo no ne apam a Onyankopɔn ne mo agyanom pamee no mma, sɛ ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ: w’asefo mu na wobehyira asase so mmusua nyinaa.


Na Abraham ne n’aseni na wɔhyehyɛɛ wɔn bɔ. Ɔnka sɛ: Na w’asefo, sɛnea ɛyɛ nnipa bebree, na mmom ose obiako: Na w’aseni, a ɔne Kristo.


Na kyerɛw no dii kan hui sɛ Onyankopɔn fi gyidi mu na obebu amanaman bem nti, ɛkaa asɛmpa no kyerɛɛ Abraham sɛ: Wo mu na wobehyira amanaman nyinaa.


Na mma abusude no bi nnka wo nsam; na AWURADE nnan mfi n’abufuhyew no ho, na onhu wo mmɔbɔ, na ne yam nhyehye no mma wo, na ɔmma wɔnnɔɔso sɛnea ɔkaa w’agyanom ntam no;


Ɛnyɛ wo trenee ne wo koma a ɛteɛ nti na worekɔ akɔfa wɔn asase, na mmom amanaman yi abɔnefosɛm nti na AWURADE wo Nyankopɔn retu wɔn afi w’anim, na wama asɛm a AWURADE kaa ho ntam kyerɛɛ w’agyanom, Abraham, Isak ne Yakob no atim.


Na eyi mu na tetefo no nyaa adanse pa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan