Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 26:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Tena asase yi so sɛ, ɔhɔho, na medi w'akyi mahyira wo, efisɛ wo ne w'asefo na mede nsaase yi nyinaa mɛma mo, na mama ntam a mekaa w'agya Abraham no agyina.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Tena asase yi so sɛ ɔhɔhoɔ, na mɛdi w’akyi na mahyira wo, ɛfiri sɛ wo ne w’asefoɔ na mede nsase yi nyinaa bɛma mo, na mɛma ntam a mekaa w’agya Abraham no agyina.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Tena asase yi so kakra, efisɛ mede saa asase no nyinaa bɛma wo ne wʼasefo, na mede asi bɔ a mehyɛɛ wʼagya Abraham no so dua.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Tena asase yi so sɛ ɔhɔhoɔ, na mɛdi w’akyi na mahyira wo, ɛfiri sɛ wo ne w’asefoɔ na mede nsase yi nyinaa bɛma mo, na mɛma ntam a mekaa w’agya Abraham no agyina.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Tena asase yi so kakra, ɛfiri sɛ, mede saa asase no nyinaa bɛma wo ne wʼasefoɔ, na mede asi ɛbɔ a mehyɛɛ wʼagya Abraham no so dua.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Tena asase yi so sɛ, ɔhɔho, na medi w'akyi mahyira wo, efisɛ wo ne w'asefo na mede nsaase yi nyinaa mɛma mo, na mama ntam a mekaa w'agya Abraham no agyina.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 26:3
42 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE yii ne ho kyerɛɛ Abram kae sɛ: W'asefo na mede asase yi mɛma wɔn. Na osii afɔremuka wɔ hɔ maa AWURADE a oyii ne ho adi kyerɛɛ no no.


Na asase a wuhu yi nyinaa, wo ne w'asefo na mede mɛma mo daa.


Sɔre, fa asase no tenten ne ne tɛtrɛtɛ mu, na wo na mede mɛma wo.


Da no ara na AWURADE ne Abram pamee sɛ: W'asefo na mede asase yi mama wɔn, efi Misraim asubɔnten ho de kosi asubɔnten kɛse, Eufrate asubɔnten, no so:


Na Onyankopɔn kae sɛ: Ampa ne ampa, wo yere Sara bɛwo ba ama wo, na woato ne din Isak ase ne: Ɔserew. Na mɛma me ne no apam agyina ayɛ daa apam ama n'asefo a ebedi n'akyi no.


Na mede asase a woyɛ so hɔho yi, Kanaan asase nyinaa, mɛma wo ne w'asefo a ebedi w'akyi, sɛ daa awunnyade, na mayɛ wɔn Nyankopɔn.


Na Abraham tutu fii hɔ kɔɔ nɛgeb, na ɔkɔtenaa Kades ne Sur ntam, na ɔkɔyɛɛ ɔhɔho wɔ Gerar.


Na Abraham wu akyi no, Onyankopɔn hyiraa ne ba Isak. Na Isak tenaa Lahairoi abura ho.


Na Isak duaa mfude wɔ asase no so, na onyaa nnɔbae mmɔho ɔha afirihyia no ara mu, na Awurade hyiraa no.


Na onyaa nguankuw, ne anantwikuw, ne nkoa pii. Na Filistifo ani beree no.


Na Awurade yii ne ho kyerɛɛ no anadwo no ara kae sɛ: Mene w'agya Abraham Nyankopɔn, nsuro, na medi w'akyi mehyira wo, na m'akoa Abraham nti mɛma w'asefo adɔ.


Na hwɛ, AWURADE gyina atifi, na ose: Mene AWURADE, w'agya Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn, asase a woda so yi, mede mɛma wo ne w'asefo.


Na hwɛ, medi w'akyi, na mahwɛ wo so baabiara a wobɛkɔ, na mama woasan aba asase yi so, na merennyaw wo de bɛkɔ akosi sɛ mɛma nea maka makyerɛ wo yi aba mu.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Yakob sɛ: San kɔ w'agyanom asase so ne w'abusua mu, na medi w'akyi.


Na asase a mede mama Abraham ne Isak no, wo na mede mɛma wo; na w'asefo a wobedi w'akyi no na mede asase no mɛma wɔn.


AWURADE dii Yosef akyi, na ɔyɛɛ ɔbarima a ne ho wɔ siade, na ɔtenaa ne wura Misraimni no fi.


Na AWURADE dii Yosef akyi, na ɔdom no, na ɔmaa n'anim baa nyam wɔ afiasehwɛfo no anim.


Na Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Hwɛ, merewu, na Onyankopɔn bedi mo akyi, na ɔde mo asan akɔ mo agyanom asase so.


Na Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Merebetiw nananom wɔ asamando, na Onyankopɔn bɛba abɛhwɛ mo ampa, na wabeyi mo afi asase yi so akɔ asase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ Abraham ne Isak ne Yakob no so.


sɛ ɔne Abraham pamee no, ne ne ntam a ɔkaa Isak no.


Ɔkae n’apam no de kosi daa, asɛm a ɔhyɛ maa awo ntoatoaso apem no,


apam a ɔne Abraham pamee, ne ne ntam a ɔkaa Isak no,


Na wo AWURADE aka sɛ: Mebue w’adwenem, na makyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa so, m’ani wɔ wo so, na metu wo fo.


AWURADE, tie me mpaebɔ, na yɛ aso tie me sufrɛ. Mmua w’ano me nusu ho, na meyɛ wo hɔho, meyɛ ɔmamfrani sɛ m’agyanom nyinaa.


Na Onyankopɔn tee wɔn apinisi no, na Onyankopɔn kaee n'apam a ɔne Abraham ne Isak ne Yakob pamee no.


Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Medi w'akyi; na eyi bɛyɛ wo sɛnkyerɛnne sɛ me na mesomaa wo: wunya yi ɔman no fi Misraim ba a, mobɛsom Nyankopɔn wɔ bepɔw yi so.


Nanso mama m'apam a me ne wɔn pamee no agyina, sɛ mede Kanaan asase a ɛyɛ wɔn ahɔhobea asase a wɔyɛɛ so ahɔho no mɛma wɔn.


Na mɛfa mo mayɛ me man, na mayɛ mo Onyankopɔn, na moahu sɛ mene AWURADE mo Nyankopɔn a ogyee mo fii Misraim nkoasom ase no.


Na mede mo mɛkɔ asase a mekaa ntam sɛ mede mɛma Abraham, Isak ne Yakob no so, na mede mɛma mo sɛ agyapade. Mene Awurade.


Sɛ woretwa nsu a, me ne wo na ɛwɔ hɔ; na sɛ worefa nsubɔnten mu a, ɛremfa wo nkɔ. Sɛ wonam ogya mu a, ɛrenhyew wo, na ogyaframa renhyew wo.


Nsuro, na me na me ne wo te. Mede w’asefo mefi apuei aba, na mafi atɔe maboa wo ano;


Wode nokware bɛkyerɛ Yakob, ne daa adɔe akyerɛ Abraham sɛ wokaa yɛn agyanom ntam fi tete bemee no.


Onyankopɔn nyɛ onipa, na wadi atoro, anaa onipa ba, na wanu ne ho. So ɔno de, ɔbɛka asɛm bi na ɔrenyɛ, anaasɛ ɔbɛkasa na ɔremma entim?


Hwɛ, mede asase no mato mo anim; monkɔ nkɔfa asase a AWURADE kaa ho ntam kyerɛɛ mo agyanom, Abraham, Isak ne Yakob, sɛ ɔde bɛma wɔn ne wɔn asefo a wodi wɔn akyi no.


Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Eyi ne asase a mekaa ho ntam mekyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ: W’asefo na mede bɛma wɔn no: Na mama wode w’aniwa ahu, na ɔkɔ de, worenkɔ hɔ.


nea moasua nso na moagye na moate na moahu wɔ me ho no, ɛno ara na monyɛ! Na asomdwoe Nyankopɔn ne mo bɛtena.


Gyidi na ɔde kɔyɛɛ ɔhɔho bɔhyɛ asase no so sɛ ananafo de so, na ɔne bɔhyɛ koro no ara adedifo Isak ne Yakob tenaa ntamadan mu.


Ɛno nti na Onyankopɔn pɛ sɛ oyi n’atirimsɛm a ɛnsakra kyerɛ bɔhyɛ no adedifo pefee no, ɔde ntam gyinaa mu,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan