Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 23:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Owura, tie yɛn! Woyɛ okunini bi wɔ yɛn mu. Yɛn amusie no mu nea wopɛ biara no, sie w'amu no wɔ hɔ. Yɛn mu biara renkame wo ne da, sɛ nsie w'amu wɔ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Owura, tie yɛn! Okunini bi ne wo wɔ yɛn mu. Yɛn ada mu deɛ wopɛ no, sie w’amu no wɔ mu. Yɛn mu biara renkame wo ne da, sɛ nsie w’amu wɔ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 “Owura, yɛsrɛ wo, tie asɛm a yɛrebɛka yi. Woyɛ Onyankopɔn somfo kɛse wɔ yɛn mu. Yɛn boda biara a ɛsɔ wʼani a wopɛ sɛ wusie wo yere wɔ hɔ no, yɛma wo ho kwan, kosie no. Yɛn mu biara remfa ne boda nkame wo.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

6 Owura, tie yɛn! Okunini bi ne wo wɔ yɛn mu. Yɛn ada mu deɛ wopɛ no, sie w’amu no wɔ mu. Yɛn mu biara renkame wo ne da, sɛ nsie w’amu wɔ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 “Owura, yɛsrɛ wo, tie asɛm a yɛrebɛka yi. Woyɛ Onyankopɔn ɔsomfoɔ kɛseɛ wɔ yɛn mu. Yɛn boda biara a ɛsɔ wʼani a wopɛ sɛ wosie wo yere wɔ hɔ no, yɛma wo ho kwan, kɔsie no. Yɛn mu biara remfa ne boda nkame wo.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Owura, tie yɛn! Woyɛ okunini bi wɔ yɛn mu. Yɛn amusie no mu nea wopɛ biara no, sie w'amu no wɔ hɔ. Yɛn mu biara renkame wo ne da, sɛ nsie w'amu wɔ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 23:6
19 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE ahyira me wura pii, na wayɛ ɔkɛse, na wama no nguan ne anantwi, ne dwetɛ ne sika, ne nkoa ne mfenaa, ne yoma ne mfurum.


Na Abram tee sɛ wɔafa ne nua dommum no, ɔde ne mmarima a wɔawo wɔn wɔ ne fi ahasa dunwɔtwe tuu sa tiw wɔn koduu Dan.


Sɛ AWURADE se ni: Misraim adwumade ne Etiopia aguade a wonyae, ne Sebafo, mmarima atenten no, bɛsen aba wo nkyɛn abɛyɛ wo de. Wobedi w’akyi; nkyehama mu na wɔbɛsen aba abɛsɔre wo, na wɔabɔ wo mpae sɛ: Ampa, wo mu na Onyankopɔn wɔ, na obi nni hɔ bio; Onyankopɔn bi nni baabi.


Ɛnna Aaron se: Mma me wura bo mmfuw, wo ara wunim ɔman yi sɛ bɔne ara na wɔde asi wɔn anim.


Hwɛ, dwetɛ a yehui wɔ yɛn nkotoku mu no, yɛde asan afi Kanaan asase so abrɛ wo; na ɛbɛyɛ dɛn na yebewia wo wura fi dwetɛ anaa sika?


Ɛnyɛ nea me wura nom mu, na ɔde yɛ n'anyankomade anaa? Nea moayɛ yi, moayɛ bɔne.


Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Dabi, me wura, na aduantɔ na wo nkoa bae.


Ka kyerɛ no sɛ: W'akoa Yakob dea; ɛyɛ ayɛyɛde a wasoma de rebrɛ me wura Esau; na hwɛ, ɔno nso wɔ yɛn akyi.


Na ɔka kyerɛɛ n'agya sɛ: Mma ɛnnyɛ me wura abufuw sɛ mintumi mensɔre wɔ w'anim, efisɛ mabu me nsa. Na ɔpɛe, pɛe, pɛe, nanso wanhu ahoni no.


Na ose: Me wura, nom bi! Na ɔyɛɛ ntɛm soɛɛ ne kuruwa no sii ne nsam ma ɔnomee.


Na bere no mu no, Abimelek ne ne safohene: Pikol bɛka kyerɛɛ Abraham sɛ: Onyankopɔn di w'akyi wɔ biribiara a woyɛ mu.


Enti Sara serewee ne mu kae sɛ: Sɛ manya mawie aberewa bɔ na me wura nso abɔ akwakoraa yi, na menya anigye?


Na Abram anya ne ho sɛ, mmoa ne dwetɛ ne sika mu.


Na ɔkae sɛ: Me wura, ma menkɔ so ara nya w'anim adom, efisɛ woakyekye me werɛ, na woaka w’abaawa asomdwoesɛm, nso mente sɛ wo mmaawa yi mu biara po.


Na afei dan ɔbarima no yere kɔma no, efisɛ ɔyɛ odiyifo, na wapa kyɛw ama wo, na woanya nkwa; na sɛ woannan no ankɔma no a, ɛnne, hu sɛ owu na wubewu, wo ne nea wowɔ nyinaa.


Na Het mma no buaa Abraham see no sɛ:


Na Abraham sɔre gyinae, na ɔbɔɔ ne mu ase maa asase no so nkurɔfo, Het mma no,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan