Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 23:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Meyɛ mo nkyɛn hɔho ne mamfrani. Momma me amusie wɔ mo nkyɛn ha, na minsie m'amu a ɔda m'anim yi na emfi m'ani so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Meyɛ mo nkyɛn hɔhoɔ ne mamfrani, momma me amusiebea wɔ mo nkyɛn, na mensie m’amu yi ma no mfiri m’ani so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 “Meyɛ ɔhɔho ne mamfrani a mete mo mu. Mesrɛ mo, montɔn mo asase yi bi mma me, na minsie me yere wɔ so.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Meyɛ mo nkyɛn hɔhoɔ ne mamfrani, momma me amusiebea wɔ mo nkyɛn, na mensie m’amu yi ma no mfiri m’ani so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 “Meyɛ ɔhɔhoɔ ne mamfrani a mete mo mu. Mesrɛ mo, montɔn mo asase yi bi mma me, na mensie me yere wɔ so.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Meyɛ mo nkyɛn hɔho ne mamfrani. Momma me amusie wɔ mo nkyɛn ha, na minsie m'amu a ɔda m'anim yi na emfi m'ani so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 23:4
21 Iomraidhean Croise  

Na mede asase a woyɛ so hɔho yi, Kanaan asase nyinaa, mɛma wo ne w'asefo a ebedi w'akyi, sɛ daa awunnyade, na mayɛ wɔn Nyankopɔn.


Na Het mma no buaa Abraham see no sɛ:


W'anim fifiri mu na wubedidi de akosi sɛ wobɛsan akɔ dɔte mu, efisɛ emu na woyii wo fii, na woyɛ dɔte, na dɔte mu na wobɛsan akɔ.


Na Yakob ka kyerɛɛ Farao sɛ: Me hɔhobea asetena mfirihyia mu nna yɛ mfe ɔha aduasa; me nkwa mfirihyia mu nna yɛ kakraa bi na amane nko, na ennu m'agyanom nkwa mfirihyia mu nna wɔ wɔn ahɔhobea asetena nna mu.


ɔbodan a ɛwɔ Makpela afuw so, wɔ Mamre ntentenso, wɔ Kanaan asase so, asase a Abraham tɔe wɔ Hetini Efron nkyɛn de yɛɛ asiebea no mu.


Na ne mma soaa no kɔɔ Kanaan asase so kosiee no wɔ: Makpela afuw so ɔbodan a ɛwɔ Mamre ntentenso a Abraham tɔɔ no wɔ Hetini Efron nkyɛn de yɛɛ asiei no mu.


Na ahɔho ne amamfrafo ne yɛn w’anim, sɛ yɛn agyanom nyinaa. Yɛn nna te sɛ sunsuma asase so, na anidaso bi nni hɔ.


Na minim sɛ wode me bɛsan ama owu ne ofi a ateasefo hyia mu no.


Meyɛ ɔhɔho asase so, mfa wo mmara nsɛm nhintaw me.


AWURADE, tie me mpaebɔ, na yɛ aso tie me sufrɛ. Mmua w’ano me nusu ho, na meyɛ wo hɔho, meyɛ ɔmamfrani sɛ m’agyanom nyinaa.


Na ɔwoo babanin, na Mose too no din Gersom, ase ne: Baabi hɔho, efisɛ ose: Mayɛ ɔhɔho wɔ ananafo asase so.


na wɔasuro nea ɛkorɔn, na ehu aba ɔkwan mu, na ɔsonkoran aba ayɛ mfonoee, na abɛbɛw ayɛ adesoa, na akɔnnɔ to atwa, efisɛ onipa rekɔ ne daa fie, na ayiyɛfo rekyin mmorɔn so.


na dɔte asan akɔ asase mu sɛ ɛte kan no, na honhom asan akɔ Onyankopɔn a ɔde mae no nkyɛn.


Sɛ obi wo ɔha na odi mfe pii, na ne mfe mu nna dɔɔso bebree, na papa ammee ne kra nanso wɔansie no yiye a, mise, ɔpɔn ba ye sen no.


Na wɔnntɔn asase no korakora, efisɛ asase no yɛ me dea na moyɛ me nkyɛn ahɔho ne atubrafo.


na wɔde wɔn baa Sekem bɛtotoo ɔda a Abraham de sika tɔ fii Hamor mma nkyɛn wɔ Sekem no mu.


Na wamma no agyapade wɔ mu, wamma no ɔnammɔn biako mpo; na ɔhyɛɛ no bɔ sɛ ɔde bɛma ɔno ne n’asefo a wodi n’akyi sɛ wɔmfa nyɛ wɔn de, nanso na onnya nnyaa ɔba.


Gyidi na ɔde kɔyɛɛ ɔhɔho bɔhyɛ asase no so sɛ ananafo de so, na ɔne bɔhyɛ koro no ara adedifo Isak ne Yakob tenaa ntamadan mu.


Adɔfo, mitu mo fo sɛ ahɔho ne amamfrafo, sɛ munyi mo ho mfi ɔhonam akɔnnɔ a ɛne ɔkra ko no ho,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan