Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 23:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na Sara wui wɔ Kiriat-arba, ɛne Hebron a ɛwɔ Kanaan asase so no. Na Abraham bae begyam Sara, na osuu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na Sara wuu wɔ Kiriat-arba, (ɛne Hebron) a ɛwɔ Kanaan asase soɔ no. Na Abraham ba bɛsuu Sara abia; ɔsuu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Owui wɔ Kiriat-Arba a ɛno ara ne Hebron a ɛwɔ Kanaan asase so. Abraham kogyam ne yere Sara, suu no wɔ hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na Sara wuu wɔ Kiriat-arba, (ɛne Hebron) a ɛwɔ Kanaan asase soɔ no. Na Abraham ba bɛsuu Sara abia; ɔsuu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔwuu wɔ Kiriat-Arba a ɛno ara ne Hebron a ɛwɔ Kanaan asase so. Abraham kɔgyam ne yere Sara, suu no wɔ hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na Sara wui wɔ Kiriat-arba, ɛne Hebron a ɛwɔ Kanaan asase so no. Na Abraham bae begyam Sara, na osuu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 23:2
36 Iomraidhean Croise  

Na Abram tutuu ne ntamadan, na ɔbɛtenaa Mamre pɔw a ɛwɔ Hebron no ho, na osii afɔremuka maa AWURADE wɔ hɔ.


Na Sara dii mfirihyia ɔha aduonu asɔn; Sara nkwa nna mu mfe ni.


Na ɛno akyi no, Abraham siee ne yere Sara wɔ Makpela afuw no mu, wɔ ɔbodan mu, wɔ Mamre ntentenso, ɛne Hebron a ɛwɔ Kanaan asase so.


Na Isak de no kɔɔ ne na Sara ntamadan mu, na ɔwaree Rebeka, na ɔyɛɛ ne yere, na ɔdɔ no, na Isak werɛkyekyee ne na wu akyi.


Na Esau tan Yakob wɔ nhyira a n'agya de hyiraa no no nti. Na Esau kae ne koma mu sɛ: Nna a wɔde besu m'agya no yɛ abɛn, na merebekum me nua Yakob.


Na Yakob baa n'agya Isak nkyɛn wɔ Mamre, wɔ Kiriat-arba a ɛne Hebron, nea Abraham ne Isak tenae sɛ ahɔho no.


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ na kɔhwɛ sɛ wo nuanom ne nguan no ho ye anaa; na san bɛka kyerɛ me. Na ɔsomaa no fii Hebron bon mu, na okoduu Sekem.


Na Yosef de n'anim kobutuw n'agya anim, na osu guu no so, na ofew n'ano.


Na woduu Atad awiporowbea a ɛwɔ Yordan agya no hɔ no, wotwaa kwadwom kɛse a emu yɛ den wɔ hɔ, na ogyam n'agya nnansɔn.


Na wotwaa adwo na wosui, na wɔkyen kɔm ara koduu anadwofa maa Saul ne ne ba Yonatan ne AWURADE man ne Israel fi, sɛ wɔatotɔ nkrante ano.


Na Dawid twaa Saul ne ne ba Yonatan ho kwadwom yi;


Na nna a Dawid dii Yuda fi so hene Hebron no ano si mfirihyia ason ne asram asia.


Na Israel mpanyin nyinaa baa ɔhene nkyɛn Hebron, na ɔhene Dawid ne wɔn pamee Hebron, AWURADE anim, na wɔsraa Dawid de no sii Israel so hene.


Odii Yuda so hene Hebron mfe ason ne asram asia, na odii Israel ne Yuda nyinaa so hene mfe aduasa abiɛsa Yerusalem.


Na wɔmaa Aaron mma Yuda nkurow, guankɔbea kurow Hebron, Libna ne ɛho mfikyisaase, Yatir, Estemoa ne ɛho mmoa adidibea nsaase,


Na Yeremia twaa Yosia ho kwadwom, na nnwontofo mmarima ne mmea nyinaa bɔɔ Yosia din wɔ mu de besi nnɛ, na wɔde yɛɛ ahyɛde Israel mu, na hwɛ, wɔakyerɛw kwadwom no mu.


Na wɔn adɔsaase so nkuraa no de, Yudafo no mu bi tenatenaa Kiriat-arba ne ɛho nkurowa mu, ne Dibon ne ɛho nkurowa mu, ne Yekabseel ne ɛho nkuraa mu,


Munnsu owufo na munnnyam no. Osu mmom na munsu nea ɔrekɔ no, na ɔrensan mma bio mmehu n’awo asase.


Ɛno nti sɛ AWURADE ka Yuda hene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba no ho ni: Wɔrennyam no sɛ: Due, me nuabanin! Ne: Due, onuabea! Wɔrennyam no sɛ: Due, owura! Ne: Due, onuonyamfo!


Na wɔforo faa nifa fam, na woduu Hebron, nea Anak mma Ahiman, Sesai ne Talmai wɔ. (Na Hebron no, wɔkyekyeree no mfe ason ansa na wɔkyekyere Soan a ɛwɔ Misraim).


Na asafo no nyinaa hui sɛ Aaron awu no, na Israel fi nyinaa suu no adaduasa.


Ɛnna Yudafo a wɔne no wɔ ofie hɔ regyam no no hui sɛ Maria asɔre ntɛmntɛm afi adi no, wodii n’akyi kae sɛ: Ɔrekɔ ɔda no so hɔ akosu.


Nso nnipa nyamesurofo bi siee Stefano, na wosuu no pii.


Na Israelfo suu Mose, Moab tataw mu adaduasa, na wodii Mose su ne ne gyam nna no wiei.


Na ɔfae, ɛne ne hene ne ne nkurow nyinaa, na wɔde nkrante kunkum wɔn, na wɔsɛee akra a ɛwɔ mu nyinaa pasaa, wamma obiara anka; sɛnea ɔyɛɛ Hebron ne Libna ne ne hene no, saa ara na ɔyɛɛ Debir ne ne hene.


Na Yefune ba Kaleb de, ɔmaa no kyɛfa, Yudafo mu, sɛnea AWURADE hyɛɛ Yosua no: Anak n’agya Arba kurow a ɛne Hebron.


ne Humta ne Kiriat-arba a ɛne Hebron, ne Sior: Nkurow akron ne ɛho nkuraa.


Ɛnna woyiyii Kedes wɔ Galilea, Naftali bepɔw so, ne Sekem, Efraim bepɔw so, ne Kiriat-arba a ɛne Hebron wɔ Yuda bepɔw so.


Na wɔde Kiriat-arba, Anak agya no kurow a ɛne Hebron a ɛwɔ Yuda bepɔw so ne ɛho mfikyisase a etwa ho hyia no maa wɔn.


Na Yuda siim kɔɔ Kanaanfo a wɔte Hebron no ho, nso kan no na Hebron din ne Kiriat-arba, na wokum Sesai ne Ahiman ne Talmai.


Na mmere dodow a Yese ba no te ase asase so yi, wo ne w’ahenni rennyina. Enti soma ma wɔnkɔfa no mmrɛ me, na owu ara na obewu.


Na Samuel wui; na Israel nyinaa boaboaa wɔn ho ano begyam no, na wɔkoraa no ne fi wɔ Rama. Na Dawid sɔre sian kɔɔ Paran sare so.


Nso na Samuel awu, na Israel nyinaa agyam no asie no Rama, n’ankasa ne kurom. Na Saul atu asamanfrɛfo ne asumanfo nyinaa afi asase no so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan