Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 2:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Na AWURADE Nyankopɔn maa nnua ahorow nyinaa a wɔhwɛ a, ɛyɛ fɛ, na eye sɛ wodi asase no so, ne nkwa dua a esi turo no mfinimfini, ne papa ne bɔne hu dua fifii asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na AWURADE Nyankopɔn maa nnua ahodoɔ nyinaa a wɔhwɛ a, ɛyɛ fɛ, na ɛyɛ sɛ wɔdie asase no so, ne nkwa dua a ɛsi turo no mfimfini, ne papa ne bɔne ho nimdeɛ dua fifirii asase no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Awurade Nyankopɔn maa nnua ahorow nyinaa fifi fii asase no mu; nnua a ɛyɛ fɛ na wodi. Na nkwa dua ne papa ne bɔnehu dua sisi turo no mfimfini.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

9 Na AWURADE Nyankopɔn maa nnua ahodoɔ nyinaa a wɔhwɛ a, ɛyɛ fɛ, na ɛyɛ sɛ wɔdie asase no so, ne nkwa dua a ɛsi turo no mfimfini, ne papa ne bɔne ho nimdeɛ dua fifirii asase no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Awurade Onyankopɔn maa nnua ahodoɔ nyinaa fifirii asase no so; nnua a ɛyɛ fɛ na wɔdie. Turo no mfimfini no na nkwa dua, ɛnna papa ne bɔnehunu dua sisie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na AWURADE Nyankopɔn maa nnua ahorow nyinaa a wɔhwɛ a, ɛyɛ fɛ, na eye sɛ wodi asase no so, ne nkwa dua a esi turo no mfinimfini, ne papa ne bɔne hu dua fifii asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 2:9
19 Iomraidhean Croise  

Na papa ne bɔne hu dua no de, nni, efisɛ da a wubedi bi no, owu na wubewu.


Na AWURADE Nyankopɔn kae sɛ: Hwɛ, onipa no ayɛ sɛ yɛn mu biako ahu papa ne bɔne. Na afei, nea ɛbɛyɛ na wanteɛ ne nsa antew nkwa dua no nso bi anni antena ase daa nti,


Na ɔpam onipa no, na ɔde Kerubim ne gyaframa afoa a edi ahim besii Eden turo no anim apuei fam sɛ wɔnwɛn ɔkwan a ɛkɔ nkwa dua no ho no.


nanso dua a esi turo no mfinimfini no aba de, Onyankopɔn aka sɛ: Munnni bi, nso mommfa mo nsa nnka, na moanwu.


na Onyankopɔn nim sɛ da a mubedi bi no, mo ani bebue, na moayɛ sɛ Onyankopɔn, ahu papa ne bɔne.


Ɔtreneeni aba yɛ nkwa dua, na onyansafo gye akra,


Ɛyɛ nkwa dua ma wɔn a woso no mu, na nhyira ne nea okura mu.


nea ɔma adebisafo nsɛnkyerɛnne yɛ ɔkwa, na ɔma nkɔmhyɛfo bobɔ adam; nea ɔma anyansafo san nkyirinkyiri, na ɔdan wɔn nimdeɛ nkwaseasɛm;


Na wode wo ho too wo bɔne mu kae sɛ: Obi nhu me; wo nyansa ne wo nimdeɛ bɔɔ w’adwene ko, ma wokae wo koma mu sɛ: Me ara ni, na obi nni akyiri bio.


N’asehwe gyegyeegye so memaa amanaman wosowee, bere a mereduru no makɔ asaman maka wɔn a wosian kɔ amoa mu no ho no; na Eden nnua nyinaa, Lebanon ade a wɔapaw a eye no, wɔn a wɔnom nsu nyinaa, bo tɔe, asase ase.


Ɛhena na wosɛ no saa, anuonyam ne kɛseyɛ mu, Eden nnua mu? Nanso wɔde wo ne Eden nnua no besian akɔ asase ase, momonotofo mu na wobɛda, nkrante ano atɔfo nkyɛn. Farao ne n’asafo yuu nyinaa ni, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.


Na asu no kɔn so ha ne ha na nnua a wodi ahorow nyinaa befifi; n’ahaban rempo, na n’aba rensa, ɛbɛsosow n’asram so, efisɛ ne nsu no, kronkronbea na efi sen; na n’aba bɛyɛ aduan, na n’ahaban ayɛ aduru.


Na abosom afɔrebɔde ho de, yenim sɛ, yɛn nyinaa wɔ ho nimdeɛ. Nimdeɛ ma ahohoahoa, na ɔdɔ de, ɛma nkɔso.


na sɛ yɛhwɛ di mmara nsɛm yi nyinaa so AWURADE yɛn Nyankopɔn anim, sɛnea ɔhyɛɛ yɛn no a, ɛbɛyɛ yɛn atreneefo.


Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no reka kyerɛ asafotow no: Nea odi nkunim no, mɛma no nkwadua a esi Nyankopɔn paradise mu no aba bi adi.


Nhyira ne wɔn a wɔhoro wɔn ntade, sɛnea wɔbenya nkwa dua no ho kwan, na wɔafa apon ano akɔ kurow no mu.


ne kurow no abɔnten mfinimfini ne Asubɔnten no afanu nyinaa na nkwa dua a ɛsow aba ahorow dumien sisii, na ɛsosow n’aba daa ɔsram; na dua no nhaban na wɔde sa amanaman no yare.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan