Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 2:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Na AWURADE Nyankopɔn de fam dɔte nwenee onipa, na ohuw nkwa home guu ne hwene mu, na onipa yɛɛ ɔkra teasefo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na AWURADE Nyankopɔn de fam dɔteɛ nwonoo onipa, na ɔhuu nkwa home guu ne hwene mu, na onipa yɛɛ ɔkra teasefoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Awurade Nyankopɔn de asase no so dɔte nwen onipa, na ɔhomee nkwa home guu ne hwenem, maa onipa no bɛyɛɛ ɔteasefo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Na AWURADE Nyankopɔn de fam dɔteɛ nwonoo onipa, na ɔhuu nkwa home guu ne hwene mu, na onipa yɛɛ ɔkra teasefoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Awurade Onyankopɔn de asase no so dɔteɛ nwonoo onipa, na ɔhomee nkwa home guu ne hwene mu, maa onipa no bɛyɛɛ ɔteasefoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na AWURADE Nyankopɔn de fam dɔte nwenee onipa, na ohuw nkwa home guu ne hwene mu, na onipa yɛɛ ɔkra teasefo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 2:7
33 Iomraidhean Croise  

Na Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so, Yiw Onyankopɔn suban so na ɔbɔɔ no, ɔbarima ne ɔbea na ɔbɔɔ wɔn.


Na nsu fi asase so foroe, na ɛfɔw asase ani nyinaa.


W'anim fifiri mu na wubedidi de akosi sɛ wobɛsan akɔ dɔte mu, efisɛ emu na woyii wo fii, na woyɛ dɔte, na dɔte mu na wobɛsan akɔ.


AWURADE Nyankopɔn tuu no fii Eden turom hɔ sɛ ɔnkɔdɔw asase a wɔfaa no fii mu no.


wɔn a nkwa home wɔ wɔn mu, na wɔte asase kesee so nyinaa wuwui.


na m’ahome nyinaa da so wɔ me mu, na Onyankopɔn ahome da so wɔ me hwene mu yi,


Onyankopɔn honhom na ɛyɛɛ me, na Otumfo no ahome na ɛmaa me nkwa.


Hwɛ, me nso, meyɛ Onyankopɔn de sɛ wo ara, anwemmo mu na wotii me nso fii.


na menne wɔn a wɔte dɔte adan mu, na wɔn nnyinaso wɔ mfutuma mu, na wofurofurow wɔn sɛ abubummabaa.


Munhu sɛ AWURADE ne Nyankopɔn, yɛyɛ ne de na yɛnne yɛn ho, yɛyɛ ne man ne n’adidibea nguan.


Na onim yɛn su, ɔkae sɛ yɛyɛ mfutuma.


AWURADE kanea ne onipa ahome, ɛhwehwɛ yam mpia mu hwɛ.


na dɔte asan akɔ asase mu sɛ ɛte kan no, na honhom asan akɔ Onyankopɔn a ɔde mae no nkyɛn.


osuane wɔ ne bere, na ɔpam wɔ ne bere; Kommyɛ wɔ ne bere, na ɔkasa wɔ ne bere;


Montwe mo ho mfi onipa a ahome wɔ ne hwenem no ho, na wobu no dɛn koraa?


Na afei, AWURADE, yɛn agya ne wo; yɛn de, dɔte ne yɛn, na wone yɛn nwemfo, na wo nsa ano adwuma ne yɛn nyinaa.


Yɛn hwene mu ahome, nea AWURADE asra no no, wɔakyere no wɔn amoa mu, ɔno a yɛkae sɛ: Ne nwini ase na yebenya nkwa, amanaman no mu.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛ nnompe yi ni: Hwɛ, merema honhom abɛhyɛn mo mu na moanya nkwa.


Na mede ntini mesuso mo mu, na mede nam agu mo so, na mede were makata mo ho, na mede honhom mahyɛ mo mu, na moanya nkwa, na moahu sɛ mene AWURADE.


Awurade atemmusɛm a ɛfa Israel ho, Awurade a ɔtrɛw ɔsoro mu na ɔhyɛɛ asase ase na ɔnwenee onipa honhom wɔ ne mu no asɛm ni:


Na wɔde wɔn anim butubutuw fam kae sɛ: Onyankopɔn a woyɛ honam nyinaa ahonhom Nyankopɔn! So ɔbarima biako bɛyɛ bɔne na wo bo ahuru asafo mu no nyinaa?


Ma AWURADE, ɔhonam nyinaa ahonhom Nyankopɔn, mpɛ ɔbarima bi nsi asafo no so


Na ɔkaa saa no, ɔhome guu wɔn so, na osee wɔn sɛ: Munnye Honhom Kronkron!


nanso wɔmfa nnipa nsa nsom no sɛnea ehia no biribi. Ɔno na ɔma nnipa nyinaa nkwa ne ɔhome ne ade nyinaa;


Ɛnne, onipa, hena ne wo a wutuatua Onyankopɔn asɛm ano? So annwene bese ɔnwemfo sɛ: Dɛn nti na woyɛɛ me sɛɛ?


Saa ara nso na wɔakyerɛw sɛ: Adam, onipa a odi kan no, yɛɛ ɔkra teasefo. Adam a odi akyiri no bɛyɛɛ honhom a ɔma nkwa.


Onipa a odi kan no fi fam yɛ famni; onipa a otia abien no fi soro.


Na yɛwɔ saa agyapade yi wɔ dɔte annwene mu, sɛnea wɔbɛma no ada adi pefee na tumi a ɛboro so no ayɛ Onyankopɔn dea, na amfi yɛn mu.


Na yenim sɛ, sɛ wonya buruw yɛn asase so ntamadan yi a, yebenya ofi a efi Nyankopɔn, ɔdan a wɔamfa nsa ansi a ɛwɔ hɔ daa ɔsoro.


Efisɛ wɔbɔɔ Adam kan, ansa na Hawa dii hɔ.


Bio, yɛwɔ yɛn honam fam agyanom sɛ asotwefo na yɛfɛree wɔn. Adɛn nti na yɛmmfa yɛn ho nhyɛ ahonhom Agya no ase nkyɛn saa pii mmom, na yɛatena ase?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan