Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 2:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Na afuw mu nnua nyinaa nnya mmaa asase so, na afuw mu nhaban nyinaa nnya mfifii, efisɛ AWURADE Nyankopɔn nnya ntɔɔ osu nguu asase so ɛ, na onipa a ɔbɛdɔw asase nni hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na afuo mu nnua nyinaa nnya mmaa asase so, na afuo mu nhahan nyinaa nnya mfifirii, ɛfiri sɛ na AWURADE Nyankopɔn nnya ntɔɔ nsuo nguu asase no so, na na onipa a ɔbɛdɔ asase nni hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Na afifide biara nni asase so, na wuram nnua biara nso nni hɔ. Efisɛ, na Awurade Nyankopɔn mmaa osu ntɔɔ wɔ asase so, na onipa nso nni asase so a ɔbɛyɛ so adwuma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 Na afuo mu nnua nyinaa nnya mmaa asase so, na afuo mu nhahan nyinaa nnya mfifirii, ɛfiri sɛ na AWURADE Nyankopɔn nnya ntɔɔ nsuo nguu asase no so, na na onipa a ɔbɛdɔ asase nni hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Na afifideɛ biara nni asase so, na wiram nnua biara nso nni hɔ. Ɛfiri sɛ, na Awurade Onyankopɔn mmaa nsuo ntɔɔ wɔ asase so, na onipa nso nni asase so a ɔbɛyɛ so adwuma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na afuw mu nnua nyinaa nnya mmaa asase so, na afuw mu nhaban nyinaa nnya mfifii, efisɛ AWURADE Nyankopɔn nnya ntɔɔ osu nguu asase so ɛ, na onipa a ɔbɛdɔw asase nni hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 2:5
15 Iomraidhean Croise  

Na nsu fi asase so foroe, na ɛfɔw asase ani nyinaa.


AWURADE Nyankopɔn tuu no fii Eden turom hɔ sɛ ɔnkɔdɔw asase a wɔfaa no fii mu no.


Sɛ wodɔw asase a, ɛrenkɔ so mma wo ne nnɔbae bio, wobɛbɔ asesa na waye ɔkobɔfo wɔ asase so.


Na ɔwoo ne nua Habel kaa ne ho. Na Habel yɛɛ oguanhwɛfo, na Kain de, ɔyɛɛ okuafo.


Nea ɔma osu tɔ asase so, na ɔma nsu ba wuram,


Ɔma wura fifi ma afieboa, ne afumduan a onipa yɛ ho adwuma, sɛ ɔbɛma aduan afi asase mu.


Ɔma omununkum fi asase ano ba, ɔyɛ anyinam ma osutɔ, oyi mframa fi ne korabea.


Onyankopɔn na ɔde ne tumi yɛɛ asase, de ne nyansa maa wiase tim hɔ, na ɔde ne nhumu trɛw ɔsoro mu.


Ɔma ne nne so a, nsu pii ba ɔsoro, na ɔma suwusiw tu fi asase ano noho. Ɔyɛ anyinam ka osu ho, otu mframa fi n’adekorabea.


So amanaman ahuhude no mu bi wɔ hɔ a wɔma osu tɔ? Anaasɛ ɔsoro betumi ama obosu apete? So ɛnyɛ wo, AWURADE, yɛn Nyankopɔn? Wo na yɛhwɛ wo kwan ara, efisɛ wo ara na woayɛ eyinom nyinaa.


na monyɛ mo agya a ɔwɔ soro no mma; efisɛ ɔma ne wia pue nnipa bɔne ne nnipa pa so, na ɔma osu tɔ gu wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ so.


Na asase a ɛnom osu a ɛtaa tɔ gu so, na efifi aduan a eye ma wɔn a wɔn nti wɔdɔw no, nya Onyankopɔn hɔ nhyira no bi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan