Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 2:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Eyi ne sɛnea Awurade Nyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Yei ne sɛdeɛ AWURADE Nyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Eyi ne ɔsoro ne asasebɔ ho asɛm. Bere a Awurade Nyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Yei ne sɛdeɛ AWURADE Nyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Yei ne ɔsoro ne asase bɔ ho asɛm. Ɛberɛ a Awurade Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Eyi ne sɛnea Awurade Nyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 2:4
27 Iomraidhean Croise  

Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.


Na Onyankopɔn hyiraa wɔn, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monwo, na monnɔre, na monyɛ asase so ma, na monni so tumi, na munni ɛpo mu mpataa ne wim nnomaa ne mmoa a wɔkeka wɔn ho wɔ asase so nyinaa so.


Na Onyankopɔn kae sɛ: Ɛnyɛ hann! Na ɛyɛɛ hann.


Na Onyankopɔn huu nea ɔyɛe nyinaa, na hwɛ, eye papa. Na ade sae, na ade kyee, da a ɛto so asia nen.


Na Onyankopɔn huu hann no sɛ eye. Na Onyankopɔn paee hann ne sum no mu.


Na eyinom ne Noa mma Sem, Ham ne Yafet awo ntoatoaso; na nsuyiri no akyi wɔwoo mma.


Eyinom ne Sem awo ntoatoaso: Sem dii mfirihyia ɔha na ɔwoo Arfaksad, nsuyiri no akyi mfe abien.


Na Onyankopɔn hyiraa da a ɛto so ason no, na ɔtew ho, efisɛ ɛno mu na Onyankopɔn home fii n'adwuma a ɔbɔe na ɔyɛe nyinaa ho.


Na eyi ne Abraham ba Ismael a Misraimni Hagar, Sara afenaa no, wo maa Abraham no awo ntoatoaso:


Na eyinom ne Abraham ba Isak awo ntoatoaso: Abraham woo Isak.


Na eyinom ne Esau a wɔfrɛ no Edom no awo ntoatoaso:


Na eyinom ne Edomfo agya Esau, a ɔte Seir bepɔw so no awo ntoatoaso:


Adam awo ntoatoaso nhoma ni: Da a Onyankopɔn bɔɔ onipa no, ne suban so na ɔyɛɛ no;


Na ɔman no nyinaa hui no, wɔde wɔn anim butubutuw fam kae sɛ: AWURADE, ɔno ne Nyankopɔn! AWURADE, ɔno ne Nyankopɔn!


na ɔkae sɛ: AWURADE, yɛn agyanom Nyankopɔn, so ɛnyɛ wone Onyankopɔn ɔsoro, na wo ara na wudi amanaman ahenni nyinaa so, na wo nsam na tumi ne mmaninyɛ wɔ, na obi nni hɔ a obetumi agyina w’anim.


So osu wɔ agya, anaasɛ hena na ɔwo obosu a ɛsosɔ?


Ɛhe na wowɔ, bere a metoo asase fapem no? Sɛ wowɔ nhumu a, ka ɛ!


Na hena ne Nyankopɔn sɛ AWURADE nko, na hena na ɔyɛ ɔbotan sɛ yɛn Nyankopɔn?


Na woyɛ kɛse, na woyɛ anwonwade, wo nkutoo ne Nyankopɔn.


AWURADE yɛ dɔmmarima, AWURADE ne ne din.


Na eyinom ne Lewi mma din wɔn awo ntoatoaso mu: Gerson ne Kahat ne Merari. Na Lewi mfe a odii si mfe ɔha aduasa asɔn.


Sɛ AWURADE, Israel hene, ne ne dimafo, asafo AWURADE se ni: Mene odikanfo na mene okyiridifo, na Onyankopɔn bi nni hɔ gye me nko.


Yohane de kɔma asafo horow ason a ɛwɔ Asia no: Adom ne asomdwoe mfi nea ɔwɔ hɔ seisei, nea na ɔwɔ hɔ dedaw, nea ɔreba no ne ahonhom ason a ɛwɔ n’ahengua anim,


Awurade se: Mene Alfa ne Omega no, nea ɔwɔ hɔ, na ɔwɔ hɔ dedaw, na ɔreba, ade nyinaa so tumfo no.


kaa sɛ: Yɛda wo, Awurade Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfo a wowɔ hɔ dedaw, na wowɔ hɔ no ase, sɛ woafa wo tumi kɛse, na woafi ase di hene.


Na metee sɛ nsu so bɔfo no se: Wo a wowɔ hɔ, na wowɔ hɔ dedaw, na woyɛ kronkron, woteɛ, efisɛ woabu atɛn saa,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan