Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 2:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na Onyankopɔn hyiraa da a ɛto so ason no, na ɔtew ho, efisɛ ɛno mu na Onyankopɔn home fii n'adwuma a ɔbɔe na ɔyɛe nyinaa ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na Onyankopɔn hyiraa da a ɛtɔ so nson no so, na ɔtee ho, ɛfiri sɛ ɛno mu na ɔhome firii n’adwuma a ɔyɛeɛ wɔ adebɔ mu no nyinaa ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Enti Onyankopɔn hyiraa da a ɛto so ason no, na ɔtew ho, efisɛ saa da no na Onyankopɔn gyee nʼahome fii adebɔ nnwuma no nyinaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na Onyankopɔn hyiraa da a ɛtɔ so nson no so, na ɔtee ho, ɛfiri sɛ ɛno mu na ɔhome firii n’adwuma a ɔyɛeɛ wɔ adebɔ mu no nyinaa ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Onyankopɔn hyiraa ɛda a ɛtɔ so nson no, na ɔtee ho. Ɛfiri sɛ, saa ɛda no na Onyankopɔn gyee nʼahome firii adebɔ nnwuma no nyinaa ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na Onyankopɔn hyiraa da a ɛto so ason no, na ɔtew ho, efisɛ ɛno mu na Onyankopɔn home fii n'adwuma a ɔbɔe na ɔyɛe nyinaa ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 2:3
22 Iomraidhean Croise  

Na Onyankopɔn huu nea ɔyɛe nyinaa, na hwɛ, eye papa. Na ade sae, na ade kyee, da a ɛto so asia nen.


Na da a ɛto so ason no, Onyankopɔn wiee n'adwuma a ɔyɛe no, na da a ɛto so ason no, ɔhome fii n'adwuma a ɔyɛe nyinaa ho.


Eyi ne sɛnea Awurade Nyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.


Na woma wohuu wo homeda kronkron no, na wonam w’akoa Mose so hyɛɛ wɔn mmara nsɛm ne ahyɛde ne mmara.


Nnansia na fa yɛ w'adwuma, na ɛda a ɛto so ason no, fa home; ma wo nantwi ne w'afurum nhome, na w'afenaa ba ne wo hɔho nya ahomegye.


Nnansia na yɛ adwuma, na ɛda a ɛto so ason no de, home, fɛntɛm bere mu ne otwa bere mu na home.


AWURADE nhyira na ɛyɛ ɔdefo, na ɔbrɛ adwuma mfa bi nka ho.


nanso mede me home nna memaa wɔn, sɛ ɛnyɛ me ne wɔn ntam sɛnkyerɛnne, na wonhu sɛ mene AWURADE a metew wɔn ho no.


Nnansia na wɔnyɛ adwuma, na da a ɛto so ason no yɛ ɔhome mu homeda, wonhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwuma biara, ɛyɛ AWURADE homeda mo tenabea nyinaa mu.


Na osee wɔn sɛ: Onipa nti na wɔyɛɛ homeda, na ɛnyɛ homeda nti na wɔyɛɛ onipa.


Na wɔsan besiesiee nnuru ne ngo huamhuam; na homeda no wɔyɛɛ komm homee sɛnea mmara no te no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan