Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 2:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na wowiee ɔsoro ne asase ne nea ɛwɔ mu nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na wɔwiee ɔsoro ne asase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa bɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Eyi ne ɔkwan a Onyankopɔn faa so bɔɔ ɔsoro ne asase ne nea ɛwɔ mu nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na wɔwiee ɔsoro ne asase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa bɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Yei ne ɛkwan a Onyankopɔn faa so bɔɔ ɔsoro ne asase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na wowiee ɔsoro ne asase ne nea ɛwɔ mu nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 2:1
34 Iomraidhean Croise  

Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.


Na Onyankopɔn frɛɛ kesee no asase, na nsu mmoaano no, ɔfrɛɛ no ɛpo. Na Onyankopɔn hui sɛ eye.


Eyi ne sɛnea Awurade Nyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.


Na Hesekia bɔɔ AWURADE anim mpae sɛ: AWURADE Israel Nyankopɔn a wote Kerubim so, wo nko ne Nyankopɔn asase so ahenni nyinaa so; wo na woyɛɛ ɔsoro ne asase.


Na Huram kae sɛ: Nhyira ne AWURADE Israel Nyankopɔn a ɔyɛɛ ɔsoro ne asase no, sɛ wama ɔhene Dawid ɔba nyansafo a onim de ne nhumu a obesi ofi ama AWURADE, ne ofi ama n’ahenni.


Na Esra kae sɛ: Wo ara wo nko ne AWURADE, wo na woyɛɛ ɔsoro, ɔsoro mu soro ne wɔn asafo nyinaa, asase ne nea ɛwɔ so nyinaa, ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa; na wo ara na woma wɔn nyinaa tete ase, na ɔsoro asafo no sɔre wo.


Hena na ɔrenhu eyi nyinaa mu sɛ AWURADE nsa na ɛyɛɛ eyi?


Wufura hann sɛ ntama, wotrɛw ɔsoro mu sɛ ntamadan tam,


Ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase, ɛpo ne nea ɛwom nyinaa, ɔno na ɔkora nokware daa.


AWURADE de n’asɛm na ɛyɛɛ ɔsoro, na ɔde n’anom honhom yɛɛ emu asafo nyinaa.


na ɔno na ɔka a, ɛbamu, ɔno na ɔhyɛ a, egyina hɔ.


Na nnansia na AWURADE de yɛɛ ɔsoro ne asase, ɛpo ne nea ɛwowɔ mu nyinaa, na ɔhomee da a ɛto so ason no; enti na AWURADE hyiraa homeda, na ɔyɛɛ no kronkron.


Me ne Israel ntam sɛnkyerɛnne ne no de kosi daa; na nnansia na AWURADE de yɛɛ ɔsoro ne asase, na da a ɛto so ason no ɔhomee na odwudwoo ne koma.


Na ɔsoro asafo nyinaa bɛporɔw, na wɔabobɔw ɔsoro sɛ nhoma, na n’asafo nyinaa apo, sɛ obobe so ahaban po, anaasɛ borɔdɔma so de po no.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni, nea ɔbɔɔ ɔsoro trɛw mu, na ɔterɛw asase ne ne mfifii mu, na ɔde ahome ma ɛso nkurɔfo, na ɔde honhom ma wɔn a wɔnam so no.


Me na mebɔɔ asase, na mebɔɔ ɛso nnipa wɔ so; me na me nsa trɛw ɔsoro mu, na mehyɛ mu asafo nyinaa.


Na sɛ AWURADE se ni: Nea ɔbɔɔ ɔsoro na ɔnwenee asase na ɔyɛe no, ɔne Nyankopɔn, ɔno na ɔbɔɔ asase na ɔde sii hɔ; wammɔ no hunu, na ɔnwenee sɛ wɔntena so, Mene AWURADE, na obi nni hɔ bio.


Nso me nsa na ɛhyɛɛ asase ase, na me nifa de ɔsoro trɛw hɔ; sɛ mefrɛ wɔn a, wobegyinagyina hɔ.


na sɛ ɔsoro korɔn sen asase no, saa ara na m’akwan korɔn sen mo akwan, na m’adwene nso sen mo adwene.


Na hwɛ, merebɔ ɔsoro foforo ne asase foforo, na wɔrenkae kan de no na ɛremma adwene mu bio;


Onyankopɔn na ɔde ne tumi yɛɛ asase, de ne nyansa maa wiase tim hɔ, na ɔde ne nhumu trɛw ɔsoro mu.


Yakob kyɛfa nte sɛ eyinom, na ade nyinaa yɛfo ne no, na Israel ne n’apɛgyade a ne poma di so; asafo AWURADE ne ne din.


na wɔahata wɔ owia ne ɔsram ne ɔsoro asafo nyinaa a wɔdɔɔ wɔn na wɔsom wɔn na wodii akyi na wɔpɛɛ akyi kwan na wɔsɔree wɔn no anim. Wɔremmoa ano na wɔrenkora, ɛbɛyɛ sumina asase ani.


Awurade atemmusɛm a ɛfa Israel ho, Awurade a ɔtrɛw ɔsoro mu na ɔhyɛɛ asase ase na ɔnwenee onipa honhom wɔ ne mu no asɛm ni:


Na mpofirim ara ɔsoro asafo bebree bɛkaa ɔbɔfo no ho yii Nyankopɔn ayɛ sɛ:


Na wɔtee no, wɔde koma koro maa wɔn nne so maa Onyankopɔn sɛ: Awurade, wo a woyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa,


Na Onyankopɔn yii n’ani, na ɔde wɔn mae sɛ wɔnsom ɔsoro asafo, sɛnea wɔakyerɛw adiyifo nhoma no mu sɛ: Israel fifo, so mode mmoa ne nnuan bɔɔ afɔre maa me mfirihyia aduanan sare so anaa?


na ɔkɔ kɔsom anyame foforo sɔre wɔn, anaa owia anaa ɔsram anaa ɔsoro asafo a mabra no mu biara,


Na woamma w’ani so ankyerɛ ɔsoro anhwɛ owia ne ɔsram ne nsoromma, ɔsoro asafo nyinaa, na antwe wo ankɔsɔre wɔn ansom wɔn, nneɛma a AWURADE wo Nyankopɔn akyekyɛ ama wiase amanaman nyinaa no.


Na yɛn a yɛagye adi kɔ ɔhome no mu, sɛnea ɔkae sɛ: Mekaa ntam m’abufuw mu sɛ: Wɔrenhyɛn me home mu. Nanso wofi wiase fapemto awie nnwuma no dedaw.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan