Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 16:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na Abram tenaa Kanaan asase so mfirihyia du no, Abram yere Sarai faa n'afenaa Hagar a ɔyɛ Misraimni no de no maa ne kunu Abram aware.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na Abram tenaa Kanaan asase so mfirinhyia du no, ne yere Sarai faa n’afenaa Hagar a ɔyɛ Misraimni no de no maa ne kunu awareɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Abram tenaa Kanaan asase so mfe du akyi no, ne yere Sarai de Misraimni abaawa Hagar no kɔmaa ne kunu no sɛ ɔnware no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na Abram tenaa Kanaan asase so mfirinhyia du no, ne yere Sarai faa n’afenaa Hagar a ɔyɛ Misraimni no de no maa ne kunu awareɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Abram tenaa Kanaan asase so mfeɛ edu akyiri no, ne yere Sarai de Misraimni abaawa Hagar no kɔmaa ne kunu no sɛ, ɔnware no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na Abram tenaa Kanaan asase so mfirihyia du no, Abram yere Sarai faa n'afenaa Hagar a ɔyɛ Misraimni no de no maa ne kunu Abram aware.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 16:3
15 Iomraidhean Croise  

Na Hagar woo Ismael maa Abram no, na Abram adi mfe aduɔwɔtwe asia.


Na ɔkɔɔ Hagar ho, na onyinsɛnee. Na ohui sɛ wanyinsɛn no, obuu n'awuraa animtiaa.


Na Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ: Asɛmmɔne a wɔadi me da wo so. Me na mede m'afenaa mato wo kokom, na ohuu sɛ wanyinsɛn nti, obu me animtiaa. AWURADE mmu me ne wo ntam atɛn.


Na ɔtenaa Paran sare so; na ne na kɔwaree yere fi Misraim asase so brɛɛ no.


Na mmea a aka no mma a Abraham wɔ no de, bere a Abraham te ase no, ɔkyɛɛ wɔn ade, na ogyaa wɔn kwan fii ne ba Isak ho ma wɔkɔɔ apuei wɔ apuei asase no so.


Esau siim kɔɔ Ismael nkyɛn kɔwaree Abraham ba Ismael babea, Nebaiot nuabea Mahalat kaa ne yerenom no ho.


Na ɔde n'abaawa Bilha maa no aware, na Yakob kɔɔ ne ho.


Na Lea hui sɛ n'awo mu atwe no, ɔde n'abaawa Silpa maa Yakob aware.


Na anadwo no ɔsɔree, na ɔfaa ne yerenom baanu, ne ne mmaawa baanu no, ne ne mma dubiako no de wɔn kotwaa Yabok asutwaree.


Na Israel te asase no so no, Ruben ne n'agya abaawayere Bilha kɔdae, na Israel tee.


Na Dawid fi Hebron bae akyi no, ɔkɔɔ so warewaree yefam ne yerenom fii Yerusalem, na wɔwowoo mmammarima ne mmabea maa Dawid bio.


Na ɔwɔ yerenom ahenemma ahansɔn ne yefam nso ahasa; na ne yerenom no kom ne koma.


Na Hagar yɛ Sinai bepɔw a ɛwɔ Arabia; na ɛno ne nnɛ yi Yerusalem sɛso, efisɛ ɛyɛ ne mma wɔ nkoasom mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan