Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 16:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ: Hwɛ, AWURADE asiw m'awo ho kwan, enti kɔ m'afenaa nkyɛn, ebia menya ne ho mma. Na Abram tiee Sarai.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ: Hwɛ, AWURADE asi m’awoɔ ho kwan, enti kɔ m’afenaa nkyɛn, ebia mɛnya ne ho mma. Na Abram tiee Sarai.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 enti Sarai ka kyerɛɛ Abram se, “Wo ara wunim sɛ Awurade ama mayɛ obonin; manwo ɔba! Mesrɛ wo, kɔ na wo ne mʼabaawa Hagar nkɔda; ebia ɛnam ne so na manya mma.” Abram penee asɛm a Sarai ka kyerɛɛ no no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ: Hwɛ, AWURADE asi m’awoɔ ho kwan, enti kɔ m’afenaa nkyɛn, ebia mɛnya ne ho mma. Na Abram tiee Sarai.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 enti Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Wo ara wonim sɛ Awurade ama mayɛ obonini; manwo ɔba! Mesrɛ wo, kɔ na wo ne mʼabaawa Hagar nkɔda; ebia ɛnam ne so na manya mma.” Abram penee asɛm a Sarai ka kyerɛɛ no no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ: Hwɛ, AWURADE asiw m'awo ho kwan, enti kɔ m'afenaa nkyɛn, ebia menya ne ho mma. Na Abram tiee Sarai.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 16:2
16 Iomraidhean Croise  

Na Sarai yɛ obonin, onni ba.


Na mehyira no, na mama wo ne mu ba nso. Yiw, mehyira no, na ɔbɛyɛ ɔmankɛse. Aman ahemfo befi ne mu.


Na wɔn mu biako kae sɛ: Ampa ara, mɛsan maba wo nkyɛn afedan sesɛɛ, na hwɛ, wo yere Sara anya ɔba. Na Sara tee wɔ ntamadan pon a ɛwɔ n'akyi no ano.


Na abakan no ka kyerɛɛ akumaa no sɛ: Yɛn agya anyin, na ɔbarima biara nni asase yi so a ɔbɛba yɛn ho, sɛnea asase sofo nyinaa amanne te.


Esiane Abraham yere Sara ho asɛm no nti, na AWURADE ato Abimelek fifo mmea nyinaa yafunu mu.


Na Isak srɛɛ AWURADE maa ne yere, efisɛ ɔyɛ obonin, na AWURADE tiee n'adesrɛ no, na ne yere Rebeka nyinsɛnee.


Na Adam se: Ɔbea no a wode no bɛkaa me ho no, ɔno na ɔmaa me dua no aba bi na midii.


Na Adam de, ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ woatie wo yere nne, na woadi dua a mehyɛɛ wo sɛ nni no bi nti, wo nti wɔadome asase. Ɛyaw mu na wubedidi so, wo nkwa nna nyinaa,


Na Onyankopɔn kaee Rahel, na Onyankopɔn tiee no, na obuee ne yam.


Na Rahel kae sɛ: Onyankopɔn adi m'asɛm, na watie me nne nso ama me ɔba. Enti ɔtoo no din Dan, ase ne: ɔsennifo.


Hwɛ, mma yɛ agyapade a efi AWURADE hɔ, na yafunu mu aba yɛ akatua.


Sɛ ne wura ama no ɔyere, na wawo mmabanin anaa mmabea ama no a, ɔbea no ne ne mma no nyɛ ne wura de, na ɔno nko nkɔ.


Na ɔman a wɔwɔ kurow pon ano hɔ no nyinaa ne mpanyin no kae sɛ: Adansefo ne yɛn. AWURADE nyɛ ɔbea a waba wo fi no sɛ Rahel ne Lea a wɔn baanu akyekye Israel fi no. Na yɛ okunini wɔ Efrata, na gye din wɔ Betlehem.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan