Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 1:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na asase da hɔ hunu a enni bɔbea biara na Onyankopɔn honhom butuw nsu no ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na asase da hɔ hunu a ɛnni bɔbea biara, na esum wɔ ebunu ani. Na Nyankopɔn honhom butu nsuo no ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Na asase yɛ basaa a na ɛda mpan, na sum kata bun no ani, na Onyankopɔn Honhom butuw nsu no ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na asase da hɔ hunu a ɛnni bɔbea biara, na esum wɔ ebunu no ani. Na Onyankopɔn honhom butu nsuo no ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Na asase yɛ sakasaka ne hunu. Na esum kata nsubunu no ani. Na Onyankopɔn honhom butu nsuo no ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na asase da hɔ hunu a enni bɔbea biara na Onyankopɔn honhom butuw nsu no ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 1:2
17 Iomraidhean Croise  

Hwɛ, eyinom ne n’akwan ano ano, na ɛho asomusɛm bi nko na yɛte, na ne mmaninyɛ prannaa a ɛbom no, hena na obehu mu?


Ɔno na ɔtrɛw ɔsoro a ebiri no mu ahunmu, na ɔde asase sɛn nea biribi nni.


na mede omununkum meyɛɛ ne nkataho, ne sum kabii nso meyɛɛ n’abomu hann,


Ɔma ɔkwan hyerɛn di n’akyi, ma wobu ebun a ehuru no sɛ dwen.


Wosoma w’ahome ba, na wode bɔ wɔn, na woma asase ani yɛ foforo.


Wode ebun kataa so sɛ atade, nsu gyinaa mmepɔw so,


Nea ɔde asase trɛw nsu so no, na n’adɔe wɔ hɔ daa.


Munyi AWURADE ayɛ mfi asase so, nsuboa ahorow ne abun nyinaa.


AWURADE de n’asɛm na ɛyɛɛ ɔsoro, na ɔde n’anom honhom yɛɛ emu asafo nyinaa.


Abun nni hɔ no, na wɔawo me, nsuti a ɛba nsu pii nni hɔ no;


Sɛnea nnomaa a wotu yɛ no, saa ara na asafo AWURADE bɛbɔ Yerusalem ho ban, ɔbɛbɔ ho ban agye no nkwa, obetwa ho na wakyɛe so.


Na sɛ AWURADE se ni: Nea ɔbɔɔ ɔsoro na ɔnwenee asase na ɔyɛe no, ɔne Nyankopɔn, ɔno na ɔbɔɔ asase na ɔde sii hɔ; wammɔ no hunu, na ɔnwenee sɛ wɔntena so, Mene AWURADE, na obi nni hɔ bio.


Mehwɛɛ asase, na hwɛ, ɛyɛ sakasaka ne amamfo. Na mehwɛɛ ɔsoro, na ne hann nni hɔ.


Ao Niniwe, hwɛ sɛ wasi ada mpan, na wayɛ hunu ne amamfo, na wo koma ahodwow, na w’anankoroma hinhim, w’asen mu nyinaa yɛ wo yaw, na w’anim nso asinsiam fitaa.


Efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn a ɔkae sɛ hann mfi sum mu nhyerɛn no na wahyerɛn yɛn koma mu, sɛ Onyankopɔn anuonyam a ɛwɔ Kristo anim no ho nimdeɛ nharan.


Sɛ ɔkɔre hwanyan ne buw na otu bɔ ne mma so mfamfia no, ɔtrɛw ne ntaban mu faa no, ɔsoaa no ne ntakra so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan