Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 1:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Mfitiaseɛ no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Mfitiaseɛ no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ahyɛaseɛ no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 1:1
67 Iomraidhean Croise  

Na Hesekia bɔɔ AWURADE anim mpae sɛ: AWURADE Israel Nyankopɔn a wote Kerubim so, wo nko ne Nyankopɔn asase so ahenni nyinaa so; wo na woyɛɛ ɔsoro ne asase.


Na amanaman anyame nyinaa yɛ abosonhuhuw, na AWURADE de, ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro.


Ɛnna Tiro hene Huram kae nhoma a ɔde brɛɛ Solomon no mu sɛ: Ɔdɔ a AWURADE dɔ ne man nti na ɔde wo asi wɔn so hene.


Na Esra kae sɛ: Wo ara wo nko ne AWURADE, wo na woyɛɛ ɔsoro, ɔsoro mu soro ne wɔn asafo nyinaa, asase ne nea ɛwɔ so nyinaa, ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa; na wo ara na woma wɔn nyinaa tete ase, na ɔsoro asafo no sɔre wo.


Ne honhom ano na ɔsoro tew, ne nsa na ehwirew ɔwɔ a ne ho yɛ hare no mu.


Ɛhe na wowɔ, bere a metoo asase fapem no? Sɛ wowɔ nhumu a, ka ɛ!


Ɔno nko na ɔtrɛw ɔsoro, na otiatia po asorɔkye so.


Tete bemee na wohyɛɛ asase ase, na ɔsoro ne wo nsa ano adwuma.


AWURADE, wo nnwuma dɔɔso dɛn ara, nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa, w’abɔde ahyɛ asase so ma.


Wosoma w’ahome ba, na wode bɔ wɔn, na woma asase ani yɛ foforo.


Moyɛ nnipa a wɔahyira wɔn ama AWURADE, ɔsoro ne asase yɛfo no.


Me boa fi AWURADE, ɔsoro ne asase yɛfo no.


Yɛn boa wɔ AWURADE a ɔyɛɛ ɔsoro ne asase no din mu.


AWURADE a ɔbɔɔ ɔsoro ne asase no mfi Sion nhyira wo.


Nea ɔde nhumu yɛɛ ɔsoro no, na n’adɔe wɔ hɔ daa.


Ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase, ɛpo ne nea ɛwom nyinaa, ɔno na ɔkora nokware daa.


AWURADE de n’asɛm na ɛyɛɛ ɔsoro, na ɔde n’anom honhom yɛɛ emu asafo nyinaa.


na ɔno na ɔka a, ɛbamu, ɔno na ɔhyɛ a, egyina hɔ.


Sɛ mehwɛ wo soro, wo nsatea ano adwuma, ɔsram ne nsoromma a woasiesie a,


ɔdesani ne hena a wokae no, na onipa ba ne hena a w’ani ku ne ho!


Wo de, wonnya nwoo mmepɔw na wunnya nyii asase ne wiase adi no, na wufi tete akyirikyiri kosi daakye akyirikyiri yɛ Onyankopɔn.


na aman anyame nyinaa yɛ abosonhuhuw, na AWURADE mmom na ɔyɛɛ ɔsoro.


Na nnansia na AWURADE de yɛɛ ɔsoro ne asase, ɛpo ne nea ɛwowɔ mu nyinaa, na ɔhomee da a ɛto so ason no; enti na AWURADE hyiraa homeda, na ɔyɛɛ no kronkron.


Na ɔne Mose wiee kasa Sinai bepɔw so no, ɔmaa no adanse apon abien, abopon a wɔde Nyankopɔn nsatea akyerɛw so.


AWURADE yɛ ade nyinaa ma biribi, ɔbɔnefo mpo ma da bɔne.


AWURADE de nyansa na ɛhyɛɛ asase ase, ɔde ntease de ɔsoro tim hɔ;


Na kae wo bɔfo wo mmerantebere mu ansa na nna bɔne no aba, na mfe a wobɛka sɛ: Minni ho anigye, no adu.


Asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn a wote Kerubim so, wo nko ne Nyankopɔn, asase so ahenni nyinaa so; wo na woyɛɛ ɔsoro ne asase.


So munhui? So montee ɛ? So womfii mfiase nka nkyerɛɛ mo? So efi asase nnyinaso so, montee biribiara ase?


Momma mo ani so nhwɛ ɔsoro, na monhwɛ nea ɔbɔɔ eyinom. Ɔno na obu wɔn dɔm ano yi wɔn adi, na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn; ne tumi dodow ne n’ahoɔden kɛse nti obiara nka akyiri.


So wunhui? So wontee ɛ? AWURADE yɛ daa Nyankopɔn Ɔno na ɔbɔɔ asase awiei no. Ɔmmrɛ, na ɔmpa abaw; na ne nhumu mu nni ahwehwɛye.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni, nea ɔbɔɔ ɔsoro trɛw mu, na ɔterɛw asase ne ne mfifii mu, na ɔde ahome ma ɛso nkurɔfo, na ɔde honhom ma wɔn a wɔnam so no.


Sɛnea AWURADE, wo dimafo ne nea ɔnwenee wo fii yafunu mu no se ni: Me, AWURADE, mene nea ɔyɛ ade nyinaa, nea ɔtwe ɔsoro mu no, me nko ara, nea ɔtrɛw asase mu no, na obi nka me ho;


Na sɛ AWURADE se ni: Nea ɔbɔɔ ɔsoro na ɔnwenee asase na ɔyɛe no, ɔne Nyankopɔn, ɔno na ɔbɔɔ asase na ɔde sii hɔ; wammɔ no hunu, na ɔnwenee sɛ wɔntena so, Mene AWURADE, na obi nni hɔ bio.


Na wo werɛ afi AWURADE a ɔyɛɛ wo na ɔtrɛw ɔsoro mu na ɔhyɛɛ asase ase no, na wo ho popo daa yi daa nyinaa, ɔhoguanfo abufuw nti, sɛnea ɔresiesie ne ho abɛsɛe biribi, na ɛhe na ɔhoguanfo abufuw no wɔ?


Na mede me nsɛm mahyɛ w’anom, na mede me nsa ase nwini makata wo so, na matrɛw ɔsoro mu na mahyɛ asase ase, na maka makyerɛ Sion sɛ: Me man ne wo.


Na hwɛ, merebɔ ɔsoro foforo ne asase foforo, na wɔrenkae kan de no na ɛremma adwene mu bio;


Onyankopɔn na ɔde ne tumi yɛɛ asase, de ne nyansa maa wiase tim hɔ, na ɔde ne nhumu trɛw ɔsoro mu.


Ao, AWURADE Nyankopɔn, hwɛ, wo na wode wo tumi kɛse ne wo basa a ateɛ ayɛ ɔsoro ne asase; biribiara nyɛ wo yɛna;


Ɔno na ɔde ne tumi yɛɛ asase de ne nyansa ma wiase tim hɔ, na ɔde ne nhumu de ɔsoro trɛw hɔ.


Awurade atemmusɛm a ɛfa Israel ho, Awurade a ɔtrɛw ɔsoro mu na ɔhyɛɛ asase ase na ɔnwenee onipa honhom wɔ ne mu no asɛm ni:


Saa bere no ara mu Yesu kae sɛ: Agya, ɔsoro ne asase wura, miyi wo ayɛ sɛ wode nneɛma yi ahintaw anyansafo ne animdefo, na woayi akyerɛ nkokoaa.


Na nna no bɛyɛ ahohiahia a efi Onyankopɔn adebɔ no mfiase de bedu nnɛ ɛmmae saa da, nanso ɛremma saa bio.


Mmarima, adɛn na moyɛ eyinom? Yɛn nso yɛyɛ nnipa te sɛ mo ara, na yɛka asɛmpa kyerɛ mo sɛ monnan mfi ahuhude yi ho nkɔ Onyankopɔn a ɔte ase no nkyɛn; ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa.


Onyankopɔn a ɔyɛɛ wiase ne nea ɛwɔ mu nyinaa, ɔno ara a ɔyɛ ɔsoro ne asase wura no, ɔnte asɔredan a wɔde nsa ayɛ mu,


Na wɔtee no, wɔde koma koro maa wɔn nne so maa Onyankopɔn sɛ: Awurade, wo a woyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa,


Efisɛ ade nyinaa fi ne mu, na ɛnam no so ba, na ewie ne mu; ɔno na anuonyam wɔ no daa daa. Amen.


yɛn de, Onyankopɔn biako pɛ na yɛwɔ, Agya no a nneɛma nyinaa fi no mu, na yɛn nso yɛwɔ hɔ ma no, ne Awurade biako, Yesu Kristo a wɔnam no so yɛ nneɛma nyinaa, na yɛn nso yɛnam no so wɔ hɔ no.


na memma nnipa nyinaa nhu ahintasɛm a efi tete mmere so hintawee wɔ Onyankopɔn a ɔbɔɔ ade nyinaa no mu no ho adwuma no,


Na: Awurade, mfiase no, wotoo asase fapem, na wo nsa ano nnwuma ne ɔsoro.


nna a edi akyiri yi mu nso, ɔnam Ɔba no so akasa akyerɛ yɛn. Ɔno na wayɛ no nneɛma nyinaa so ɔdedifo, a ɔnam no so nso abɔ wiase nyinaa.


Gyidi na yɛde te ase sɛ wiase ahorow, wɔde Onyankopɔn asɛm na asiesie, enti nea ani tuae fi nneɛma a ɛnna adi mu na ɛbae.


(Efisɛ ofi biara, obi na osi, na nea osiesie nneɛma nyinaa ne Onyankopɔn.)


Na wɔhyɛ da ma wɔn werɛ fi sɛ, efi teteete no, ɔsoro ne asase a efii nsu mu, na efi nsu mfinimfini na ebetim hɔ wɔ Onyankopɔn asɛm so.


Nea ɛwɔ hɔ fi mfiase, nea yɛate, nea yɛde yɛn aniwa ahu, nea yɛhwɛe na yɛde yɛn nsa kae, wɔ nkwa asɛm no ho,


Na ɔkaa nea ɔte ase daa daa a ɔbɔɔ ɔsoro ne nea ɛwɔ mu ne asase ne nea ɛwɔ mu ne ɛpo ne nea ɛwɔ mu no ho ntam sɛ: Bere bi nni hɔ bio,


na ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Munsuro Onyankopɔn na monhyɛ no anuonyam, efisɛ n’atemmu dɔn adu. Na monkotow nea ɔyɛɛ soro ne asase ne ɛpo ne asuti no.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Wɔawie! Mene Alfa ne Omega, mfiase ne awiei no. Me na mede nkwa nsuti mu nsu mɛkyɛ obiara a osukɔm de no kwa.


Mene Alfa ne Omega, Ɔkannifo ne Okyidifo, mfiase ne awiei no.


Na Laodikea asafo mu bɔfo no, kyerɛw kɔma no sɛ: Sɛɛ na Amen, ɔdansefo a ɔsɛ sɛ wogye no di na ɔyɛ ɔnokwafo no, Onyankopɔn abɔde farebae no, se:


Awurade, wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ nti na wɔwɔ hɔ na wɔbɔe.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan