Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Mfa wo nsa nka me, efiri sɛ menya nkɔɔ soro, m’Agya nkyɛne. Na kɔ me nuanom nkyɛne kɔka kyerɛ bɛ sɛ, ‘Meekɔ soro, m’Agya ne ho Agya ne me Nyankopɔn ne ho Nyankopɔn nkyɛne.’ ”
Mesuro sɛ sɛ meba bio a, me Nyankopɔn bɛbrɛ me ase ya ho anim, na magyam ho mu dodoɔ a hoayɔ bɔne na hoansakra ho adwene, ne adwamammɔ ne akohwisɛm nea bɛadi he ho.
Ewom sɛ me ne ahoteefoɔ he nyinaa mu kumaa koraa, nso bɛde adom yi maa me sɛ memfa so nna asɛm a ɔyɛ Kristo ahonya mu a onni hwehwɛbea he adi nkyerɛ amanamane mufoɔ.
Bɛne Nyankopɔn ayi bɛ sɛ benhu sɛnea n’ahintasɛm yi animuonyam kɛseɛ he bɛda adi amanamane mufoɔ mu, ɔno ne Kristo a ɔya ho mu a ɔyɛ animuonyam anidasoɔ he.
Homma Kristo asɛm ntena ho mu yie. Honkyerɛkyerɛ na hontu ho ho fo nyansasɛm nyinaa mu, na homfa akoma mu aseda nto sankunnwom ne ayeyie nnwom ne honhom mu nnwom mma Nyankopɔn.
Nnipa a bɛanya bɛ ho wiase yi mu he, hyɛ bɛ sɛ mma bɛnnwene akokurokosɛm, saa nso ne bɛmmfa bɛ ho nto ahonyadeɛ a onni hɔ daa so, na mmom bɛmfa bɛ ho nto Nyankopɔn a ɔma yɛ nea yɛpɛ nyinaa ma ɔdɔɔso he so.
Na adom nyinaa Nyankopɔn a wafrɛ ho aba ne daa animuonyam he mu Kristo mu he, ɔnoaa ne sɛ ho hu amane kakra, obesiesie ho pɛ; ɔbɛma ho ase atim. Ɔbɛhyɛ ho dene; ɔbɛma ho anya nnyinasoɔ.