Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Filipifoɔ nwoma 4:14 - Apam Foforɔ

14 Yei nyinaa mu he hokyerɛɛ ayamyɛ, sɛ hoboa me m’ahohia berɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Filipifoɔ nwoma 4:14
14 Iomraidhean Croise  

Ne wura he ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mo ne yɔ, akoa pa ne nɔkwafoɔ; woadi kakra yi ho nɔkorɛ, mede nnoɔma bebree bɛhyɛ wo nsa; nya wo wura anigye he bi.’


Ɔsɔɔ bɛ ani sɛ bɛbɛyɔ saa, nɔkorɛ mu ɔfata; efiri sɛ, sɛ ɔnam bɛ so ama Amanamane mufoɔ he anya honhom fam nhyira a, otwa sɛ bɛ (Amanamane mufoɔ) nso bɛma bɛ (Yudafoɔ) honam fam nnoɔma de som bɛ bi.


Ɔsɛ sɛ bɛ a bɛakyerɛkyerɛ bɛ asɛm he, bɛ ne bɛ akyerɛkyerɛfoɔ he kyɛ nnepa nyinaa.


Ɔyɛ sɛ mɛdwene saa afa ho nyinaa ho ho, efiri sɛ hoda m’akoma so, na ho nyinaa ho ne me kyɛ Nyankopɔn adom he, m’afiase mpokyerɛ ne asɛmpa he ho anoyie ne ne denhyɛ berɛ mu.


Maanya m’akatua nyinaa, na maanya ama no aboro so; m’ani asɔ paa, sɛ maanya akyɛdeɛ a hode manee Epafrodito he, afɔdeɛ a oohwam, afɔdeɛ a ɔfata na ɔsɔ Nyankopɔn ani.


Ɔsɛ sɛ bɛyɔ papa, na bennya bɛ ho nnwuma pa fam; bɛ nsɛm ngo na bɛnkyɛ adeɛ fɛ so,


maa bɛbɔɔ ho adapaa na bɛtaa ho badwam, na da bi nso ho ne bɛ a bɛfaa saa tebea he mu he nyaa ayɔnkofa.


Na honyaa tema maa nneduafoɔ, na hode anigyeɛ penee so maa bɛfom ho agyapadeɛ, efiri sɛ honim sɛ ho ankasa howɔ agyapadeɛ a odi mu, na ɔbɛtena hɔ daa.


Hommmu ho ani ngu papayɔ ne adekyɛ so, efiri sɛ, saa afɔreɛ he sɔ Nyankopɔn ani.


Me, Yohane, ho nua a me ne ho bom Yesu mu hunu amane n’ahennie ne ne boasetɔ mu, na meya supɔ Patmo so, esiane Nyankopɔn asɛm ne Yesu adanseɛ nti.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan