Na Nyankopɔn ayɔ nea mmara he antumi anyɔ, ɔne sɛ ɔnam honam mmerɛyɛ nti ɔsomaa ɔnoaa ne Ba, honam subane mu maa no bɛyɛɛ nipa te sɛ yɛ nnipa adebɔneyɛfoɔ yi sɛ ɔne bɔne nni asie, na odii bɔne so nkunim honam mu,
Nyankopɔn yɛ ho nkwa a howɔ no Kristo Yesu mu he farebae. Na Yesu Kristo yi ne bɛyɛɛ nyansadeɛ a ofiri Nyankopɔn hɔ maa yɛ he, ɔno ne tenenee ne ahoteɛ ne gyeɛ,
nso yenim sɛ ɔnyɛ mmara nnwuma so ne bɛbɛfa abu bi bem, na mmom ɔnam Yesu Kristo mu gyidie so. Na yɛabɛgye Kristo Yesu adi, sɛnea ɔbɛyɔ a bɛnam Kristo mu gyidie so bebu yɛ bem, na mmom ɔnnam mmara nnwuma a yɛbɛyɔ so, efiri sɛ, biaa nni hɔ a bɛnam mmara nnwuma he so bebu no bem.
ɔgyee yɛ, ɔnyɛ tenenee nnwuma bi a yɛayɔ nti, na mmom ɔnam ne mmɔborɔhunu so faa nsuo adwareɛ a ɔnam awofoforɔ ne foforɔyɛ a ofiri Honhom Kronkron so ne gyee yɛ.
sɛdeɛ ɔbɛyɛ a ɔnam nnoɔma mmienu a ɔnsesa so, sɛ Nyankopɔn ntumi nni torɔ, na yɛ a yɛadwane abɛtoa no he benya nkuranhyɛ a mu ɔdene na yɛasɔ anidasoɔ a ɔda yɛ anim he mu.
Simon Petro, Yesu Kristo akoa a ɔsane yɛ ne somafoɔ twerɛ krataa yi de kɔma bɛ a esiane yɛ Nyankopɔn ne yɛ Agyenkwa Yesu Kristo tenenee nti, bɛanya gyidie a ɔte sɛ yɛ deɛ heaa.