Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Filipifoɔ nwoma 3:8 - Apam Foforɔ

8 Nɔkwasɛm ne sɛ, mebu nnoɔma nyinaa adehweredeɛ, ɔnam m’Awurade Kristo Yesu ho nimdeɛ he boɔ a ɔkyɛne so he nti. Ɔno nti mahwere nnoɔma nyinaa, na mebu adeɛ nyinaa sumina so adeɛ, na manya Kristo,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Filipifoɔ nwoma 3:8
53 Iomraidhean Croise  

Mmɛ akwannya ne manya sɛ m’Awurade maame aba me nkyɛne yi?


Na sɛ menam Nyankopɔn tumi so ne metu ahonhommɔne a, hedeɛ Nyankopɔn ahennie ayi ne ho adi akyerɛ ho.


Da heaa, hobehu sɛ meya m’Agya mu, na hoya me mu.


Sɛ honim me a hobehu Agya he nso. Ofiri saa berɛ yi, ho nim no, na hoahu no.”


Na bɛbɛyɔ yei, efiri sɛ, bennim Agya he anaa me.


Na yei ne daa nkwa sɛ bebehu wo, wo a aoyɛ Nyankopɔn kann koro he, ne Yesu Kristo nea wasoma no he.


efiri sɛ nsɛm a wode maa me he mede ama bɛ; na bɛ nso bɛagye; na bɛahu ampa sɛ, mefiri wo nkyɛne ne baeɛ, na bɛagye adi sɛ wone wosomaa me.


Bebisaa no sɛ, “Baa, ɛɛne nti ne woosu yi?” Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Bɛafa m’Awurade amu kɔ na mennim baabi a a bɛde no akɔto.”


Toma buaa no sɛ, “M’Awurade ne me Nyankopɔn!”


Nso memmu me kra sɛ adehia sɛ wie a mewie me som ne adwuma a Awurade Yesu de ahyɛ me nsa sɛ menka asɛmpa a ɔfa Nyankopɔn adom he ho he.


Menim sɛ yentumi mfa wiase yi mu amanehunu ntoto animuonyam a bɛde bɛhyɛ yɛ daakye wiase he mu he ho.


anaa nea ɔya soro, anaa nea ɔya bunum, asaase ase, anaa abɔdeɛ biaa, mpo betumi ntete yɛ mmfiri Nyankopɔn dɔ a ɔya yɛ Awurade Kristo Yesu mu he ho.


Na mmom nɛbɔɔ me tim pɔ sɛ memmfa m’adwene nsi bibiaa so ka Yesu Kristo, ne bɔ a bɛbɔɔ no asennua mu he ho.


Anaa nyɛ yɛ nti ne ɔka saa? Nɔkwasɛm ne sɛ, yɛ nti ne ɔtwerɛɛ saa, ɔsɛ deɛ ofuntum asaase he sɛ ofuntum no anidasoɔ mu, na deɛ ɔporo aburo he nso poro no anidasoɔ mu sɛ obenya bi.


Bɛ mu ne wiase nyame afira bɛ a bɛnnye nni he adwene ani, sɛ benhu asɛmpa he ho hann a ɔyɛ Kristo a ɔyɛ Nyankopɔn subane he animuonyam.


efiri sɛ Nyankopɔn kaa sɛ, “Hann mfiri sum mu nhyerɛn,” ɔnoaa ne ahyerɛn yɛ akoma mu, sɛ Nyankopɔn animuonyam a ɔya Yesu Kristo anim he nimdeɛ nhyerɛn.


sɛ obeyi ne Ba he adi akyerɛ me, sɛnea ɔbɛyɛ a mɛpae mu aka ne ho asɛm Amanamane mufoɔ mu he, me ne nipa biaa antu ho agyina.


kosi sɛ yɛ nyinaa beduru Nyankopɔn Ba he ho gyidie baakoyɛ ne nimdeɛ mu, na yɛbɛwie nyini honhom mu, adi mu sɛnea Kristo a ɔyɛ susudua a ɔyɛ pɛ he teɛ;


Paulo ne Timoteo, Kristo Yesu nkoa, twerɛ krataa yi de kɔma Kristo Yesu mu ahoteefoɔ a bɛya Filipi, ɔne ahwɛfoɔ ne asomfoɔ.


Mepɛ sɛ mehu Kristo, ɔne ne wusɔreɛ tumi, na manya ne brɛ he mu kyɛfa de me ho ama wuo a ɔte sɛ ne deɛ he,


Ɔnyɛ sɛ me nsa anya aka yei, anaa sɛ ebia maanya awie pɛyɛ dada, na mmom mepem kɔ m’anim, na me nsa aka deɛ ntia Kristo Yesu nsa aka me heaa.


Nso adenya biaa a menyaeɛ he Kristo nti, mebuu yeinom adehunu.


Na me deɛ, berɛ he anya aduru sɛ behwie me agu sɛ hwiesa, na me ntetemudie berɛ aso.


Nso gye sɛ yɛsɔ ahotɔsoɔ a yedii kane nyaeɛ he mu pintinn kosi awieeɛ, ansa na yɛanya kyɛfa Yesu mu ankasa.


Saa boɔ yi ho wɔ mfasoɔ yie ma ho a hogye di, na bɛ a bɛnnye nni he deɛ asɛm he abam sɛ: “Boɔ a abantofoɔ apo he, abɛyɛ tweasotiboɔ,”


Adom ne asomdwie nnɔɔso mma ho, Nyankopɔn ne yɛ Awurade Yesu ho nimdeɛ mu.


Na Nyankopɔn nam ne tumi so akyɛ yɛ nnoɔma a ɔfa nkwa ne nyamesom-pa ho nyinaa, nea ɔnam ɔno ankasa ne ho nimdeɛ so afrɛ yɛ aba ɔnoaa n’animuonyam ne ne mmaninyɛ mu.


Na sɛ yeinom ya ho mu na ɔdɔɔso a, ɔmmma honyɛ mmerɛ anaa nnipa a bɛnso aba yɛ Awurade Yesu Kristo fam.


Na honyini ya yɛ Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo adom ne nimdeɛ mu. Ɔno ne animuonyam nka no seesei ne daa. Amen.


nea yɛahu na yɛate he ne yɛɛka akyerɛ ho nso, sɛnea ɔbɛyɛ a ho ne yɛ benya ayɔnkofa. Bio nso saa ayɔnkofa yi ya yɛne Agya he ne ne Ba Yesu Kristo ntam.


Nɔkwasɛm ne sɛ, befiri yɛ mu ne kɔeɛ deɛ, nso na benni yɛ afa, na sɛ bɛya yɛ afa a, nka bɛne yɛ tenaa hɔ. Nso begyaa yɛ hɔ sɛnea bebehu no pefee sɛ benni yɛ afa.


Na yenim sɛ Nyankopɔn Ba he aba, na waama yɛ nteaseɛ ama yɛahu Nyankopɔn trodoo he. Yɛ abrabɔ ya Nyankopɔn trodoo he ne ne Ba Yesu Kristo he mu. Yei ne Nyankopɔn trodoo he ne nkwa a onni awieeɛ he.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan