17 Anuanom, homma me nyɛ nhwɛsoɔ mma ho, na homma bɛ a bɛabrabɔ te sɛ yɛ he nyɛ nhwɛsoɔ mma ho.
Anuanom, mehyɛ ho nkurane sɛ, honhwɛ ho ho yie bɛ a bɛde mpaepaemu ne sintiduatoɔ, de ko tia nkyerɛkyerɛ a hoasua he; hontwe ho ho mfiri bɛ ho,
Honnyɔ deɛ ɔbɛto Yudafoɔ anaa Helafoɔ anaa Nyankopɔn asafo he sintidua,
Sɛnea mesua Kristo he, homma ɔnyɛ nhwɛsoɔ mma ho.
Afei, metu ho fo sɛ, honsua me.
Homfa deɛ hoasua, na hoanya, na hoate, na hoahu no me mu he nyɔ adwuma, na asomdwie Nyankopɔn he ne ho bɛtena.
Na hosuasuaa yɛ ne Awurade, efiri sɛ, ahohiahia pii mu mpo, hode Honhom Kronkron anigyeɛ gyee asɛm he,
Na sɛ bi antie yɛ asɛm a ɔya krataa yi mu a, honhyɛ no nso, ho ne no mmɔ fekuo, na ama n’ani awu.
Na hoaa honim sɛ, ɔsɛ sɛ hosua yɛ, berɛ a na yɛya ho nkyɛne he, yɛannante basabasa,
Ɔnyɛ sɛ yenni ho kwane, na mmom sɛnea yɛbɛyɔ nhwɛsoɔ ama ho asua nti ne yɛyɔɔ saa.
Mma biaa mmu wo babunuyɛ animtia, na mmom yɛ nhwɛsopa kasaa, nneyɔeɛ, dɔ, gyidie ne ahoteɛ mu.
Honkae ho mpayimfoɔ, bɛ a bɛkaa Nyankopɔn asɛm he kyerɛɛ ho; honhwɛ sɛdeɛ bɛ abrabɔ wieeɛ, na honsua bɛ gyidie.
Honnhyɛ bɛ a bɛde bɛ ahyɛ ho nsa he so, na mmom honyɛ nhwɛso pa mma nnwankuo he.