Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Filipifoɔ nwoma 3:1 - Apam Foforɔ

1 Afei deɛ otwa toɔ, me nuanom, honni ahurusie Awurade mu. Ɔnha me sɛ mɛtwerɛ asɛnkorɔ heaa abrɛ ho, sɛ me yɔ saa a, ɔyɛ ahobanbɔ me ho mmom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Filipifoɔ nwoma 3:1
46 Iomraidhean Croise  

Homma ho ani nnye, efiri sɛ howɔ akatua kɛseɛ ya soro, na saa ne bɛtane adiyifoɔ a bedii ho anim kane he.


na m’Agyenkwa Nyankopɔn ho ne me honhom di ahurusie;


Nso ɔnyɛ yei nkoaa, na mmom yɛnam yɛ Awurade Yesu Kristo so hoahoa yɛ ho Nyankopɔn mu, seesei deɛ, yɛnam ne so anya mpata yi.


Afei, nea otwa toɔ, me nuanom, makra ho. Honyɛ pɛ, honkyekyere ho ho ho ho werɛ, honnya adwene korɔ, hontena asomdwie mu, na dɔ ne asomdwie Nyankopɔn bedi ho akyi.


Ne korakora ne sɛ, honyɛ dene Awurade ne n’ahoɔdene tumi mu.


Na yɛ ne bɛatwa yɛ twetia ankasa, a yɛsom Nyankopɔn honhom mu, na yɛhoahoa yɛ ho Kristo Yesu mu na yenni ahotɔsoɔ honam mu he.


Homma ho ani nnye Awurade mu daa; meka bio sɛ, homma ho ani nnye.


Adɔfonom, deɛ otwa toɔ koraa ne sɛ, deɛ ɔyɛ nɔkorɛ, deɛ anidie ya mu, deɛ ɔtene, deɛ ho te, deɛ ɔsɔ ani, deɛ ɔwɔ dini pa, sɛ bra pa bi ya hɔ a, sɛ bibi fata ayeyie a, honnwene yeinom ho.


Deɛ otwa toɔ, anuanom, yɛsrɛ ho na yetu ho fo Awurade Yesu mu sɛ, hobesua sɛnea hobesi atena ase asɔ Nyankopɔn ani (sɛnea hooyɔ heaa), honkɔ so nyɔ no saa.


Me nuanom, sɛ hohyia sɔhwɛ ahodoɔ biaa a, hommu no anigyeɛ,


N’awieeɛ ne sɛ, ho nyinaa hontena ase asomdwie mu. Honnya tema mma ho ho ho ho. Honnodɔ ho ho ho ho, na honyɛ ahummɔborɔ, na hommrɛ ho ho ase.


Na mmom, homma ho ani nnye sɛ ho ne Kristo oohu amane sɛnea ho ani bɛgye na ho adi ahurusie da a n’animuonyam bɛda adi he.


Adɔfonom, yei ne krataa a ɔtɔ so mmienu a matwerɛ abra ho. Metwerɛɛ ne mmienu nyinaa sɛ mede ɔɔbɛkae ho, de akanyane ho adwene,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan