Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Filipifoɔ nwoma 2:19 - Apam Foforɔ

19 Mewɔ anidasoɔ Awurade Yesu mu sɛ ɔnkyɛre biaa mɛsoma Timoteo aba ho nkyɛne, na mete ho ho asɛm a ama me anigyeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Filipifoɔ nwoma 2:19
22 Iomraidhean Croise  

Na ne dini mu ne Amanamane mufoɔ benya anidasoɔ.”


Paulo kɔɔ Derbe ne Listra, baabi a na suani bi a bɛfrɛ no Timoteo a na ne maame yɛ Yudani na ne papa nso yɛ Helani ya.


na afei nso Yesaia kaa sɛ, “Yisai aseni bi bɛba, nea ɔbɛsɔre adi hene Amanamane mufoɔ so; ne mu ne Amanamane mufoɔ benya anidasoɔ.”


Timoteo, me yɔnko dwumayɔni, ne Lukio ne Yason ne Sosipatro a bɛyɛ m’abusuafoɔ kyea ho.


Yei nti ne mesomaa Timoteo maa no baa honkyɛne, ɔno ne yɛ me ba dɔfoɔ ne nɔkwafoɔ Awurade mu, sɛ ɔnkae ho m’akwane Kristo Yesu mu, sɛdeɛ mekyerɛkyerɛɛ hyiadane biaa mu ya baabiaa he.


Na ho nso, berɛ a hotee nɔkorɛ asɛm he, ho nkwagyeɛ ho asɛmpa he, honyaa ne mu anidasoɔ. Ne muaa nso ne berɛ a hogyediiɛ he, bɛde Honhom Kronkron a bɛhyɛɛ ne ho bɔ he hyɛɛ ho nso;


Paulo ne Timoteo, Kristo Yesu nkoa, twerɛ krataa yi de kɔma Kristo Yesu mu ahoteefoɔ a bɛya Filipi, ɔne ahwɛfoɔ ne asomfoɔ.


na saa ne ɔsɛ sɛ ho nso ho ani gye na ho ne me di ahurusie.


Nti ne me ho pre me kɛse sɛ mɛsoma no ho nkyɛne, na sɛ hohu no bio a hoadi ahurusie, na m’adwendwene so ate.


na yɛsomaa Timoteo a ɔyɛ yɛ nua ne Nyankopɔn mu somfo ya Kristo asɛmpa mu, sɛ ɔmmɛhyɛ ho dene, na ontu ho fo ho gyidie ho,


Yei nti me nso, mesɔ mu a na ɔnsɔ bio he, mesomaeɛ, na mahu ho gyidie mu, na amma sɛ ebia sɔhwɛfoɔ he asɔ ho ahwɛ, ama yɛ mmɔdenmmɔ adwuma he ayɛ kwa.


Anuanom, ɔsɛ sɛ yɛda Nyankopɔn ase ma ho da biaa, sɛnea ɔfata, efiri sɛ ho gyidie oonyini mmorosoɔ, na dɔ a hode dɔ ho ho ho ho he nso oonyini.


ɔno nti ne mehu saa amaneɛ yi nso. Nso m’ani nwu ho, efiri sɛ menim nea maagye no adi, na menim sɛ obetumi akora nea mede ahyɛ ne nsa akosi Da he.


Nea ɔsɛ sɛ ho ka mmom ne sɛ, “Sɛ ɔyɛ Awurade pɛ a, yɛbɛtena ase ayɔ yei anaa yei.”


Ɔnam ne so ne hogyee Nyankopɔn a onyanee no firii awufoɔ mu na ɔmaa no animuonyam he diiɛ. Ɔnam so ama ho gyidie ne ho anidasoɔ atim Nyankopɔn mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan