15 na ho ho amma asɛm biaa, na hoadi bem, sɛ Nyankopɔn mma a nkekaeɛ nni bɛ ho, nnɛ abusua a bɔne ahyɛ bɛ ma na bɛamane afiri wiase a hohyerɛn mu sɛ nsoromma,
saa ne bɛma ho ayɛ ho Agya a ɔya soro he mma; efiri sɛ ɔma awia pie abɔnefoɔ ne ateneneefoɔ so, na ɔtɔ nsuo gu ateneneefoɔ ne bɛ a bɛnnyɛ ateneneefoɔ so.
Mmom, honnɔ ho atamfoɔ na honyɔ bɛ papa na homma afoforɔ bosea a ho ani nna so sɛ hobenya bibi akyire yi; na ho akatua bɛyɛ kɛseɛ, na hobɛyɛ Sorosoroni he mma, efiri sɛ ne yam yɛ ma boniayɛfoɔ ne abɔnefoɔ.
Asomdwie Nyankopɔn he ankasa nte ho ho koraa, ɔmfa ho honhom ne ho kra ne ho nipadua nsie yie ma onni mu, berɛ a ho ho ɔmma asɛm biaa wɔ Awurade Yesu Kristo mmaeɛ he mu.
Hommɔ bra pa ya amanamane mufoɔ a hofra bɛ mu he mu, na sɛ bɛka ho ho nsɛm sɛ hoyɛ nnebɔnyɛfoɔ a, bɛahu ho papa a hoayɔ he nso nam so ahyɛ Nyankopɔn animuonyam, “nsrada” he.
Na ho deɛ, hoyɛ abusua a bɛayi ho, sɛ adehyeɛ asɔfokuo, mane kronkron, Nyankopɔn ankasa nkurofoɔ a bɛayi ho sɛ honka n’anwanwadwuma he ho asɛm. Ɔno na ɔfrɛɛ ho firi sum mu baa ɔno ankasa hann nwanwasono he mu.
Nti, adɔfonom, hogu so ɔɔtwɛne da he yi, hommɔ mmɔdene sɛ hobɛyɛ nnipa kronkron a mfomsoɔ biaa nni ho ho ya Nyankopɔn anim na ho ne no atena asomdwie mu.
Kae baabi a wofiri hwee ase. Sakra w’adwene firi bɔne ho na yɔ sɛnea kane he na woyɔ he. Sɛ woansakra amfiri wo bɔne ho a, mɛba wo nkyɛne abeyi wo kaneadua he afiri ne sibrɛ.