Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Filipifoɔ nwoma 1:9 - Apam Foforɔ

9 Na me mpaebɔ ne sɛ, ho dɔ bɛyɛ mmorosoɔ, nimdeɛ ne nhunumu nyinaa mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Filipifoɔ nwoma 1:9
19 Iomraidhean Croise  

Anuanom, honnyɛ asɛm he nteaseɛ mu mmɔfra; na mmom, honyɛ bɔne mu nkokoa; ne nyinaa mu he, honyɛ nnipa a bɛanyini nsɛm ho nteaseɛ mu.


Afei sɛnea hoda nsõ adeɛ nyinaa mu he—gyidie mu, kasa mu, nimdeɛ mu, ahokeka mu, ɔne ho dɔ a hode dɔ yɛ he mu— saa ne yɛ pɛ sɛ hoda nsõ saa adom adwuma yi nso mu.


Nti honnyɛ ho ho sɛ bɛ a bennim nyansa, na mmom honte Awurade pɛ ase.


Saa nti, ofiri da a yɛteeɛ he, yennyaeɛ mpaebɔ ne nkotosrɛ sɛ Nyankopɔn pɛ ho nimdeɛ nhyɛ ho ma honhom mu nyansa ne nteaseɛ nyinaa mu,


na hoahyɛ nipasu foforɔ a bɛnam nɔkorɛ nimdeɛ so a ɔɔyɔ no foforɔ sɛnea nea ɔbɔɔ no he subane teɛ.


Na Awurade mmaa dɔ a howɔ ma ho ho ne afoforɔ nyɛ kɛse sɛdeɛ yɛdɔ a yɛwɔ ma ho he teɛ he.


Deɛ otwa toɔ, anuanom, yɛsrɛ ho na yetu ho fo Awurade Yesu mu sɛ, hobesua sɛnea hobesi atena ase asɔ Nyankopɔn ani (sɛnea hooyɔ heaa), honkɔ so nyɔ no saa.


Anuanom, ɔsɛ sɛ yɛda Nyankopɔn ase ma ho da biaa, sɛnea ɔfata, efiri sɛ ho gyidie oonyini mmorosoɔ, na dɔ a hode dɔ ho ho ho ho he nso oonyini.


Na mebɔ mpaeɛ sɛ wo gyidie mu ayɔnkofa he bɛma nnoɔma pa a ɔsɛ sɛ yɛyɔ no Kristo mu nyinaa ho nimdeɛ a mu dɔ ada adi.


Na mmom bɛde aduane a mu oduru ma nipa a wayini, deɛ bɛatete no a n’adwene ma no tumi hu papa ne bɔne ntam nsonsonoeɛ.


Afei a hoayɔ setie ama nɔkorɛ he de adwira ho kra ho ama hoanya nuadɔ a nyaatwom nni mu he, homfiri ho akoma nyinaa mu nnodɔ ho ho.


Na honyini ya yɛ Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo adom ne nimdeɛ mu. Ɔno ne animuonyam nka no seesei ne daa. Amen.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan