8 Na Nyankopɔn yɛ me danseni sɛ mede Kristo Yesu dɔ kae ho nyinaa.
yɛ Nyankopɔn mmɔborɔhunu nti. Saa mmɔborɔhunu yi nti adekyeɛ hann firi soro bepie yɛ so,
Na Nyankopɔn a mede me honhom som no a mepae mu ka ne Ba he ho asɛmpa he, ɔno ne me danseni sɛ mennyae ho nkaeɛ wɔ me mpaebɔ mu,
Meeka Kristo mu nɔkorɛ, meenni torɔ; Honhom Kronkron nam m’ahonim so di adanseɛ.
Yɛ ani gye berɛ a yɛyɛ mmerɛ na ho ho ɔdene. Yɛbɔ mpaeɛ sɛ hobɛyɛ pɛ.
Yɛmfaa yɛ dɔ nkamee ho, na mmom ho ne hotwetwe ho nane ase yɛ ho.
Na hoda n’akoma so paa, na ɔkae ho nyinaa setie ɔne sɛnea hode suro ne ahopopoɔ gyee no he.
Nea meetwerɛ abra ho yi, Nyankopɔn ne me danseni sɛ, menni torɔ!
efiri sɛ, yɛnam gyidie so yɛ Nyankopɔn mma Kristo Yesu mu.
Me mma nkumaa a meko ho awoɔ bio sɛ ɔbɛyɛ a Kristo su bewie pɛyɛ ho mu,
Ɔnam sɛ Kristo mu nkuranhyɛ, Kristo dɔ awerɛkyekyerɛ, Kristo Honhom mu ayɔnkofa, Kristo mmɔborɔhunu ne tema ya ho mu nti,
efiri sɛ, n’ani agyina ho nyinaa na ɔha no sɛ hotee sɛ ɔyare.
Saa nti, me nuanom a medɔ ho na m’ani agyina ho, m’anigyeɛ ne m’abotire, honnyina pintinn Awurade mu saa, m’adɔfoɔ.
Na mepɛ sɛ hohu apereapereɛ dendene a medi no ho ho ne bɛ a bɛya Laodikea ne bɛ a benhuu m’anim honam mu nyinaa nso ho.
Ɔnam sɛ, hoyɛ nnipa a Nyankopɔn ayi ho a hoyɛ kronkron na ɔdɔ ho nti, homfa mmɔborɔhunu, ayamyɛ, ahobrɛaseɛ, dwoɔ ne ntoboaseɛ mmɔ ho bra.
Sɛnea honim na Nyankopɔn yɛ danseni he, yɛamfa nnaadaasɛm ne baeɛ, ne asɛm biaa a yɛka kyerɛɛ ho he, yɛanka sɛ ɔbɛyɔ a yebenya mfasoɔ ya ho so nti;
Na ɔnam sɛ yɛpɛ ho asɛm yie nti, yɛpɛɛ sɛ anka ɔnyɛ Nyankopɔn asɛmpa he nkoaa ne yɛne ho bɛkyɛ, na mmom yɛne ho bɛkyɛ bibiaa a yɛwɔ mpo, efiri sɛ hoyɛ nnipa a hosom bo ma yɛ paa.
Mekae nisuo a woteeɛ berɛ a na yeedi mpaepaemu he a, m’ani gyina awia ne anadwo sɛ mehu wo, sɛ ɔbɛyɛ a anigyeɛ bɛhyɛ me ma.
Meesoma no ama no asane aba wo nkyɛne bio, ɔyɛ nipa a ɔda m’akoma so paa.
Oo me nua, ampa, ma menya mfasoɔ mfiri wo hɔ Awurade mu! Ma m’akoma ntɔ me yam Kristo mu.
Sɛ bi yɛ defoɔ na ohu sɛ ne nua hia bibi, na wanhu ne mmɔbɔ a, ɔbɛyɛ dɛ na watumi aka sɛ ɔdɔ Nyankopɔn n’akoma mu?