Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Filipifoɔ nwoma 1:26 - Apam Foforɔ

26 na ho ahohoahoa aboro so Kristo Yesu mu me ho, osiane ba a meeba ho nkyɛne bio nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Filipifoɔ nwoma 1:26
14 Iomraidhean Croise  

Ho nso, seesei deɛ howɔ awerɛhoɔ mu, nso mehu ho bio he, na ho ani agye ho akoma mu, na biaa ntumi nnye ho anigyeɛ he mfiri ho nsam.


Obesi sesɛɛ hommisaa bibiaa a me dini mu. Hommisa, na ho nsa bɛka, na ho anigyeɛ awie pɛyɛ.


Sɛdeɛ hoate yɛ aseɛ kwane bi so he, sɛ Awurade Yesu da he, yɛyɛ ho ahohoahoa sɛdeɛ ho nso hoyɛ yɛ ahohoahoa.


Yenni yɛ ho adanseɛ nkyerɛ ho bio, nso yɛama ho akwannya a hode yɛ bɛhoahoa ho ho, sɛnea ɔbɛyɛ a hobenya mmuaeɛ ama bɛ a bɛhoahoa bɛ ho honam fam nso ɔnnyɛ akoma mu he;


Na sɛ mede ho hoahoa me ho kyerɛ no a, m’ani nwu, na mmom sɛnea yɛkaa ho nsɛm nyinaa nɔkorem he, saa ara nso ne yɛ ahohoa a yɛhoahoa yɛ ho Tito anim he nso ada adi sɛ ɔyɛ nɔkorɛ.


Mede ho hoahoa me ho, mewɔ ahotɔsoɔ pii ya ho mu; awerɛkyekyerɛ ahyɛ me ma; na m’ani gye boro so yɛ ahohia nyinaa mu mpo.


Nso Nyankopɔn nam ba a ɔma Tito baa yɛ nkyɛne he so maa yɛ awerɛkyekyerɛ,


Ɔsɛ sɛ biaa sɔ n’ankasa n’adwuma hwɛ. Na adwuma a biaa ayɔ he ne ɔde bɛhoahoa ne ho, na ɔnyɛ deɛ bi foforɔ ayɔ,


Afei deɛ otwa toɔ, me nuanom, honni ahurusie Awurade mu. Ɔnha me sɛ mɛtwerɛ asɛnkorɔ heaa abrɛ ho, sɛ me yɔ saa a, ɔyɛ ahobanbɔ me ho mmom.


Na yɛ ne bɛatwa yɛ twetia ankasa, a yɛsom Nyankopɔn honhom mu, na yɛhoahoa yɛ ho Kristo Yesu mu na yenni ahotɔsoɔ honam mu he.


Medi ahurusie pii Awurade mu sɛ afei deɛ hoafiri aseɛ ɔɔdwene me ho bio, na hoodwene me ho, nso hoanya ho kwane anna no adi.


Homma ho ani nnye Awurade mu daa; meka bio sɛ, homma ho ani nnye.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan