Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Filipifoɔ nwoma 1:18 - Apam Foforɔ

18 Yei biaa nhia! Na nea ohia ne sɛ bɛbɛka Kristo ho asɛm akwane nyinaa mu, sɛ ɔyɛ mpatuyɛ mu oo, sɛ ɔyɛ nɔkorɛ mu oo, me mmom deɛ asɛmpa a bɛaka he ne ma m’ani gye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Filipifoɔ nwoma 1:18
13 Iomraidhean Croise  

“Nso ho, atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ, honnue! Efiri sɛ, hosi nipa kwane soro ahennie mu nipa anim, ho ankasa nso honkɔ mu, na sɛ binom ɔɔkɔ mu a, hosi bɛ kwane.


Bɛde apoobɔ fa akunafoɔ agyapadeɛ nyinaa, na bɛbɔ mpaeɛ tentene sɛ nnipa behu bɛ. Yei nti, bebenya afobuo kɛseɛ.”


Nso bɛante saa asɛm yi ase, efiri sɛ na bɛde ahinta bɛ na bɛanhu mu, nso na besuro sɛ bebebisa no asɛm yi ho nkyerɛmu.


Nso Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Honnsi no kwane, efiri sɛ nea ɔnsɔre ntia ho he ya ho afã.”


Hedeɛ asɛm he ne sɛ? Nti yɛ Yudafoɔ he kyɛne bɛ a bɛaka he anaa? Daabi, ɔnte saa koraa; efiri sɛ yɛadi kane aka sɛ, Yudafoɔ oo, Helafoɔ oo, biaa hyɛ bɔne tumi ase,


Afei mmɛ bio? Yɛnyɔ bɔne efiri sɛ yenni mmara ase na mmom adom ase anaa? Daabi da!


Afei mmɛ ne mepɛ sɛ mekyerɛ? Sɛ abosom afɔdeɛ yɛ bibi anaa sɛ bosom yɛ bibi?


Sɛ ɔte saa, ɛɛne ne ɔsɛ sɛ meyɔ? Mede honhom he bɛbɔ mpaeɛ, na mede adwene nso abɔ mpaeɛ. Mede honhom bɛto dwom, na mede adwene nso ato dwom.


Nti sɛ me oo, sɛ bɛ oo, saa ne yɛpae mu kaeɛ, na saa ne hogye diiɛ.


Nɔkwasɛm ne sɛ, m’ani bɛkɔ so agye, efiri sɛ, menim sɛ ɔnam ho mpaebɔ ne Yesu Kristo Honhom mmoa so ne yei bɛyɛ me gyeɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan