Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Filipifoɔ nwoma 1:15 - Apam Foforɔ

15 Ɔyam sɛ binom firi aniberebereɛ ne nitane mu ne pae mu ka Kristo ho asɛm he deɛ, nso afoforɔ ya hɔ a bɛde pɛpa ne ka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Filipifoɔ nwoma 1:15
22 Iomraidhean Croise  

Na bɛyɔ bɛ nnwuma nyinaa sɛ ɔbɛyɛ a nipa behu bɛ. Na bɛyɔ bɛ nkaeɛ nwoma atɛtrɛtɛ, na bɛyɔ bɛ ntaadeɛ ano nso akɛseɛ.


Ɔde asɛm he kɔmaa Israel mma, na ɔkaa asomdwie a ɔnam Yesu Kristo so ba he ho asɛm pa kyerɛɛ bɛ, yei ne nnipa nyinaa wura.


Na binom ya bɛ mu a bɛyɛ Kiprofoɔ ne Kirenefoɔ a bɛaba Antiokia. Saa nnipa yi pae mu kaa Yesu ho asɛmpa kyerɛɛ nnipa a bɛka Hela kasa he.


Na bɛkɔɔ so kyerɛkyerɛeɛ, kaa Kristo Yesu ho asɛmpa ya asɔrefie ne afie afie mu daa a bɛannyae.


Na Filipo biee n’ano, na ogyinaa saa twerɛsɛm heaa so kaa Yesu ho asɛm kyerɛɛ no.


Filipo kɔɔ Samaria kuro he mu na ofirii aseɛ pae mu kaa Agyenkwa he ho asɛm kyerɛɛ bɛ.


Na ntɛmaa ofirii aseɛ hyia adane mu kaa Yesu ho asɛm sɛ “Yesu ne Nyankopɔn Ba he.”


nso bɛ a bedi ntuturasɛm; na bɛpo nɔkorɛ na bɛfa kwane a ɔntene so he, bebenya abufuo ne asotwe.


Na yɛ deɛ, yɛka Kristo a bɛbɔɔ no asennuam he ho asɛm, ɔyɛ sintidua ma Yudafoɔ na ɔyɛ nkwaseasɛm ma Helafoɔ;


Sɛ mede m’ahodeɛ nyinaa kyɛ, na mede me nipadua mma sɛ bɛnhye a, na menni dɔ a, menya ho mfasoɔ biaa.


Na Nyankopɔn ba he, Yesu Kristo a me ne Silwano ne Timoteo ka n’asɛm he, wanyɛ ano ntanta bibiaa ho, efiri sɛ ɔyɛ nɔkwafoɔ.


Na saa nnipa yinom yɛ asomafoɔ atorɔfoɔ, adwumayɔfoɔ nnaadaafoɔ, bɛyɛ bɛ ho sɛ Kristo asomafoɔ.


Na mesuro sɛ, sɛ meba a, memmɛto ho sɛnea mepɛ; na menso honhu me sɛnea hopɛ; mesuro sɛ ebia na ntɔkwa, ahoɔyeyaa, abufuo, asinkane, nsekuro, wesewese, ahantan ne sakasakayɛ ya ho mu.


Na ɔnyɛ yɛ ho asɛm ne yɛka na mmom yɛpae mu ka sɛ Yesu Kristo yɛ Awurade na yɛ deɛ yɛyɛ ho nkoa Yesu nti;


Nso ɔnam sɛ na anuanom atorɔfoɔ bi awiawia bɛ ho aba yɛ mu sɛ bɛbɛtetɛ yɛ ahwɛ ahofadie a yɛwɔ no Kristo Yesu mu, sɛnea ɔbɛyɛ a bɛde yɛ bɛkɔ Mmara nkoasom mu nti


Honnnyɔ bibiaa pɛsɛmenkomenya ne animuonyamhunupɛ mu, na mmom homfiri ahobrɛaseɛ mu mmu afoforɔ te sɛ bɛkyɛne ho.


Akyinnye nni ho sɛ yɛ som yi mu ahintasɛm he so: Beyii no kyerɛ honam mu, bebuu no bem honhom mu, abɔfoɔ huu no, bɛpaee mu ka ne ho asɛm amanamane mu, bɛgyee no diiɛ wiase, bɛfaa no kɔ soro animuonyam mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan