Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Filipifoɔ nwoma 1:13 - Apam Foforɔ

13 na waama amrado abane mufoɔ nyinaa ne biaa nso ahu sɛ meda mpokyerem Kristo mu;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Filipifoɔ nwoma 1:13
17 Iomraidhean Croise  

Na Paulo buaa sɛ, “Sɛ menya a, nka berɛ tiaa bi oo, bere tentene bi oo, ɔnyɛ wo nkoa, na mmom nka Nyankopɔn nyɔ bɛ a beetie me nnɛ yi nyinaa nso sɛnea meteɛ yi, na mmom bengu ho mpokyerɛ sɛ me.”


Na berɛ a bɛɛkɔ he, asɛm a na bɛkaa ne sɛ, “Aa! Nipa yi nyɔɔ bibiaa a ɔsɛ sɛ owu anaa begu no mpokyerɛ.”


Nso, nnansa akyi he, ɔfrɛfrɛɛ Yudafoɔ he mu atitire he ma bebehyiaeɛ. Berɛ a behyiaeɛ he, ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Anuanom, ɔyam sɛ menyɔɔ bibiaa a otia manfoɔ anaa yɛ nananom amanneɛ deɛ, nso bɛde me hyɛɛ Romafoɔ nsa sɛ deduani ya Yerusalem.


Nɔkwasɛm ne sɛ, asɛm yi ho nti ne mesrɛɛ sɛ mepɛ sɛ mehu ho ne ho kasa, efiri sɛ Israel anidasoɔ nti ne bɛagu me nkɔnsɔnkɔnsɔn yi.”


Ɔtenaa hɔ mfie mmienu a na ɔnoaa hwɛ ne ho. Na ɔgyee bɛ a bɛbaa ne nkyɛne nyinaa fɛ so,


Yei nti ne me Paulo a meyɛ Kristo Yesu deduani ma ho amanamane mufoɔ,


Nti afei me, Awurade mu deduani, mesrɛ ho sɛ hommɔ ho bra sɛnea ɔfata frɛ a bɛafrɛ ho he,


na ɔno ho somafoɔ ne meyɛ ya nkɔnsɔnkɔnsɔn mu yi. Hommɔ mpaeɛ sɛ mede akokoɔduro bɛpae mu aka asɛm biaa a ɔsɛ sɛ meka.


Na howɔ ahohiahia korɔ a hohu sɛ meyam he, na hoate sɛ meda so yam heaa mu bi.


Ɔyɛ sɛ mɛdwene saa afa ho nyinaa ho ho, efiri sɛ hoda m’akoma so, na ho nyinaa ho ne me kyɛ Nyankopɔn adom he, m’afiase mpokyerɛ ne asɛmpa he ho anoyie ne ne denhyɛ berɛ mu.


Ahoteefoɔ he nyinaa kyeakyea ho, ne titire bɛ a befiri amrado fie he.


ɔno nti mu ne meehu amane, na meda mpokyerem sɛ debɔnyɛni. Nso Nyankopɔn asɛm deɛ bɛnkyekyeree no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan