Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Filipifoɔ nwoma 1:10 - Apam Foforɔ

10 na hoapɛɛpɛɛ mu ahu deɛ ɔyɛ paa, na ho ho ate a nkekaeɛ biaa nni ho ho de akosi Kristo da he,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Filipifoɔ nwoma 1:10
43 Iomraidhean Croise  

Na ɔdanee ne ho ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Firi me so kɔ, Satan! Woyɛ sintidua ma me; efiri sɛ woamfa w’adwene ansi Nyankopɔn so na mmom honam nnwuma so.”


Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛdeɛ ɔbɛba wo so he bɛto biaa sintidua a, me deɛ ɔnto me sintidua koraa.”


Berɛ a Yesu huu sɛ Natanael ɔɔba he, ɔka kyerɛ no sɛ, “Hwɛ! Israelni ankasa a nnaadaa biaa nni ne mu di!”


Biaa a ɔyɔ bɔne he tane hann he, na ɔmma hann he ho, sɛ ɔbɛyɛ a ne nnwuma he onna adi.


Nti berɛ nyinaa mehwɛ hu sɛ menyɔ bɔne biaa ntiaa Nyankopɔn ne nnipa.


Na homfa wiase nhyehyɛeɛ yi so, na mmom honsakra ho adwene na honyɛ foforɔ, na hoasɛ ahwɛ ahu nea Nyankopɔn pɛ a ɔyɛ na ɔsɔ ani na odi mu.


Hommma nyaatwom mfra dɔ mu; hontane nea ɔyɛ bɔne, honkura nea ɔyɛ papa mu;


Anuanom, mehyɛ ho nkurane sɛ, honhwɛ ho ho yie bɛ a bɛde mpaepaemu ne sintiduatoɔ, de ko tia nkyerɛkyerɛ a hoasua he; hontwe ho ho mfiri bɛ ho,


na wonim n’apɛdeɛ na wokyerɛ nea ɔyɛ, efiri sɛ bɛatete wo mmara he mu,


Nti sɛ meyɔ adeɛ a mempɛ a, megye tom sɛ mmara he yɛ.


Na m’ani gye Nyankopɔn mmara a ɔte me mu he ho,


Saa nti adwene a osi honam nnoɔma so he tane Nyankopɔn; ɔmmrɛ ne ho ase nhyɛ Nyankopɔn mmara ase, nɔkwasɛm ne sɛ ontumi nyɔ saa mpo,


Ɔno Nyankopɔn ankasa nso bɛhyɛ ho dene akosi awieeɛ, na ho ho amma asɛm Awurade Yesu Kristo da he.


Honnyɔ deɛ ɔbɛto Yudafoɔ anaa Helafoɔ anaa Nyankopɔn asafo he sintidua,


Nti sɛ nam weɛ to me nua sintidua a, hedeɛ mennwe nam koraa na manto me nua sintidua.


Yei ne deɛ yɛde hoahoa yɛ ho a ahonim di ho adanseɛ, sɛ kronkronyɛ ne nɔkorɛdie a ofiri Nyankopɔn mu, a ɔnyɛ nipa nyansa, na mmom Nyankopɔn adom, na yɛde abɔ yɛ bra wiase, ne titire he kwane a yɛfaa so ne ho diiɛ he mu.


Na yɛnte sɛ nnipa bebree a bɛnam ɔɔtɔno Nyankopɔn asɛm he, na mmom sɛ bɛ a beyi bɛ yam kasa, Nyankopɔn mu; na yɛkasa Kristo mu ya Nyankopɔn anim.


Na yɛnto biaa sintidua na bɛannya asɛmmɔne biaa anka amfa yɛ som adwuma ho,


Menka yei nhyɛsoɔ so, na mmom menam binom mmɔdenmmɔ so ɔɔsɔ ho dɔ ahwɛ.


Na me deɛ, anuanom, sɛ meda so ka twetiatwa ho asɛm a nka mmɛ nti ne bɛda so taa me? Sɛ nka meda so ka twetiatwa ho asɛm a, hedeɛ na nka asennua he nto sintidua bio.


Na mmom, homma yenni nɔkorɛ, dɔ mu, na yɛnyini akwane nyinaa mu, Kristo a ɔno ne asafo he ti he mu,


Hommɔ mmɔdene nhwehwɛ nea ɔsɔ Awurade ani.


na ɔde no asi hɔ ama ne ho animuonyam mu a dɛmdie, nkekaeɛ, anaa bibiaa a ɔte saa nni ne ho, na mmom ayɛ kronkron a onni dɛm biaa.


Adom nka bɛ a bɛde dɔ a ɔnsa da dɔ yɛ Awurade Yesu Kristo nyinaa.


Na bɛ a bɛde pɛpa ne ka he de dɔ ne di Kristo ho adanseɛ, a benim sɛ asɛmpa he nti ne bɛde me ato afiase ha;


Na mewɔ awerɛhyɛmu sɛ, nea wahyɛ adwuma pa ase ho mu he bɛtoa soaa kosi sɛ obewie no Yesu Kristo da he mu.


berɛ a hokita nkwa nsɛm he mu dene na ama matumi ahoahoa me ho Kristo da he sɛ mantu mirika hunu anaa manyɔ adwuma hunu.


Na ɔnhyɛ ho akoma dene kronkronyɛ mapa mu sɛ ho ho mma asɛm yɛ Nyankopɔn ne Agya he anim ya Awurade Yesu, ne ahoteefoɔ mmaeɛ he mu.


honsɔ bibiaa nhwɛ, na honsɔ deɛ ɔyɛ he mu yie;


Asomdwie Nyankopɔn he ankasa nte ho ho koraa, ɔmfa ho honhom ne ho kra ne ho nipadua nsie yie ma onni mu, berɛ a ho ho ɔmma asɛm biaa wɔ Awurade Yesu Kristo mmaeɛ he mu.


Adɔfo, honnye ahonhom nyinaa nnni, na mmom honsɔ ahonhom he nhwɛ sɛ befiri Nyankopɔn anaa; efiri sɛ, atorɔ adiyifoɔ bebree aba wiase.


“Menim wo nnwuma. Menim nsiyɛ a wode ayɔ adwuma ne boasetɔ a wowɔ. Menim sɛ wonnye nnebɔnyɛfoɔ, na afei woasɔ bɛ a bɛfrɛ bɛ ho asomafoɔ nso bɛnyɛ bi he ahwɛ, na woahu sɛ bɛyɛ atorɔfoɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan